< Nnwom 12 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so. Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu.
Przewodnikowi chóru, na Seminit. Psalm Dawida. Ratuj, PANIE, bo [już] nie ma pobożnego, zniknęli wierni spośród synów ludzkich.
2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
Wszyscy mówią kłamliwie do bliźniego, mówią schlebiającymi wargami i z obłudnym sercem.
3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;
Niech PAN wytępi wszystkie wargi schlebiające [i] język mówiący przechwałki.
4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”
Oni mówią: Swoim językiem zwyciężymy, nasze wargi należą do nas, któż jest naszym panem?
5 “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”
Ze względu na ucisk ubogich [i] jęk nędzarzy teraz powstanę – mówi PAN – zapewnię bezpieczeństwo [temu], na kogo zastawiają sidła.
6 Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason.
Słowa PANA to słowa czyste jak srebro wypróbowane w ziemnym tyglu, siedmiokrotnie oczyszczone.
7 Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.
Ty, PANIE, zachowasz ich, będziesz ich strzegł od tego pokolenia aż na wieki.
8 Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide.
Niegodziwi krążą wokoło, gdy najpodlejsi z ludzi zostają wywyższeni.

< Nnwom 12 >