< Nnwom 114 >

1 Bere a Israelfo fii Misraim, na Yakobfifo fii ananafo asase so no, 2 Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼaheman. 3 Po no hwɛe, na eguanee, Yordan san nʼakyi; 4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma. 5 Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee? Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi? 6 Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi? 7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Nyankopɔn anim, 8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura, na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.

< Nnwom 114 >