< Nnwom 1 >

1 Nhyira ne onipa a ontie amumɔyɛfo afotu na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi na ɔntena fɛwdifo tenabea.
Blessed is the man who does not walk in the advice of the wicked, or stand in the pathway with sinners, or sit in the assembly of mockers.
2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na osusuw ho awia ne anadwo.
But his delight is in the law of Yahweh, and on his law he meditates day and night.
3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, na ɛsow nʼaba ne bere mu a nʼahaban no nguan da. Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.
He will be like a tree planted by the streams of water that produces its fruit in its season, whose leaves do not wither; whatever he does will prosper.
4 Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.
The wicked are not so, but are instead like the chaff that the wind drives away.
5 Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano, na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.
So the wicked will not stand in the judgment, nor sinners in the assembly of the righteous.
6 Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.
For Yahweh approves of the way of the righteous, but the way of the wicked will perish.

< Nnwom 1 >