< Mmebusɛm 13 >

1 Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛwdifo ntie animka.
A wise son listens to his father's instruction, but a scoffer doesn't listen to rebuke.
2 Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye, na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.
By the fruit of his lips, a man enjoys good things; but the unfaithful crave violence.
3 Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.
He who guards his mouth guards his soul. One who opens wide his lips comes to ruin.
4 Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee, na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.
The soul of the sluggard desires, and has nothing, but the desire of the diligent shall be fully satisfied.
5 Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware, nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.
A righteous man hates lies, but a wicked man brings shame and disgrace.
6 Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban, na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.
Righteousness guards the way of integrity, but wickedness overthrows the sinner.
7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee, ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.
There are some who pretend to be rich, yet have nothing. There are some who pretend to be poor, yet have great wealth.
8 Obi ahonya betumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.
The ransom of a man's life is his riches, but the poor hear no threats.
9 Atreneefo kanea hyerɛn pa ara, nanso wodum amumɔyɛfo kanea.
The light of the righteous shines brightly, but the lamp of the wicked is snuffed out.
10 Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.
Pride only breeds quarrels, but with ones who take advice is wisdom.
11 Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so, na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
Wealth gained dishonestly dwindles away, but he who gathers by hand makes it grow.
12 Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare, nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua.
Hope deferred makes the heart sick, but when longing is fulfilled, it is a tree of life.
13 Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka, nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua.
Whoever despises instruction will pay for it, but he who respects a command will be rewarded.
14 Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti, eyi onipa fi owu afiri mu.
The teaching of the wise is a spring of life, to turn from the snares of death.
15 Nhumu pa de adom ba, nanso atorofo akwan so yɛ den.
Good understanding brings favor; but the way of the unfaithful leads to calamity.
16 Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
Every prudent man acts from knowledge, but a fool exposes folly.
17 Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu, nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba.
A wicked messenger falls into trouble, but a trustworthy envoy gains healing.
18 Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu, na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam.
Poverty and shame come to him who refuses discipline, but he who heeds correction shall be honored.
19 Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho.
Longing fulfilled is sweet to the soul, but fools detest turning from evil.
20 Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.
One who walks with wise men grows wise, but a companion of fools suffers harm.
21 Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi, na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.
Misfortune pursues sinners, but prosperity rewards the righteous.
22 Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom, na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.
A good man leaves an inheritance to his children's children, but the wealth of the sinner is stored for the righteous.
23 Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii, nanso ntɛnkyew pra kɔ.
An abundance of food is in poor people's fields, but injustice sweeps it away.
24 Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba, na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.
One who spares the rod hates his son, but one who loves him is careful to discipline him.
25 Atreneefo didi ma wɔn koma mee, nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.
The righteous one eats to the satisfying of his soul, but the belly of the wicked goes hungry.

< Mmebusɛm 13 >