< 4 Mose 31 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.” 3 Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no. 4 Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5 Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem. 6 Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe. 7 Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa. 8 Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no. 9 Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade. 10 Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa. 11 Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho. 12 Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no. 13 Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan. 14 Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no. 15 Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no? 16 Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no. 17 Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18 Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena. 19 “Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so. 20 Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.” 21 Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose: 22 Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii 23 ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho. 24 Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.” 25 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 26 “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no. 27 Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no. 28 Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade. 29 Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade. 30 Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.” 31 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 32 Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum; 33 anantwi mpem aduɔson abien; 34 mfurum mpem aduosia baako; 35 ne mmeawa mpem aduasa abien. 36 Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni: Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum 37 a wɔde mu ahansia aduɔson anum som Awurade; 38 Anantwi mpem aduasa asia a wɔde mu aduɔson abien som Awurade; 39 mfurum mpem aduasa ne ahannum a wɔde emu aduosia baako som Awurade; 40 mmeawa mpem dunsia; wɔde wɔn mu aduasa abien som Awurade. 41 Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. 42 Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi: 43 nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum, 44 anantwi mpem aduasa asia, 45 mfurum Mpem aduasa ne ahannum ne 46 mmeawa mpem dunsia. 47 Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 48 Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn 49 bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera. 50 Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.” 51 Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn. 52 Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron. 53 Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi. 54 Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.

< 4 Mose 31 >