< 4 Mose 30 >

1 Mose hyiaa Israel mmusua no mu mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade ahyɛ se:
And Moses spoke to the heads of the tribes of the children of Israel, saying, This [is] the thing which the Lord has commanded.
2 Sɛ obi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ a, ɛnsɛ sɛ obu so. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔkaa se ɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Whatsoever man shall vow a vow to the Lord, or swear an oath, or bind himself with an obligation upon his soul, he shall not break his word; all that shall come out of his mouth he shall do.
3 “Sɛ ababaa bi hyɛ Awurade bɔ anaa ɔka ntam hyɛ bɔ bere a ɔda so te nʼagya fi,
And if a woman shall vow a vow to the Lord, or bind herself with an obligation in her youth in her father's house; and her father should hear her vows and her obligations, wherewith she has bound her soul, and her father should hold his peace at her, then all her vows shall stand,
4 na nʼagya no te sɛ ne ba no ahyɛ bɔ, na wanka hwee a, ne bɔhyɛ ne ne ntam a ɔkaa no nyinaa no di mu.
and all the obligations with which she has bound her soul, shall remain to her.
5 Nanso sɛ ɛba sɛ nʼagya no siw no bɔhyɛ no ho kwan a, etwa ne bɔhyɛ ne ntam a ɔkae no mu. Awurade de bɛkyɛ ababaa no, efisɛ nʼagya ampene sɛ obedi so.
But if her father straitly forbid [her] in the day in which he shall hear all her vows and her obligations, which she has contracted upon her soul, they shall not stand; and the Lord shall hold her guiltless, because her father forbade her.
6 “Sɛ ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam ansa na ɔware na ɛbɛyɛ asodi ma no
But if she should be indeed married, and her vows be upon her according to the utterance of her lips, [the obligations] which she has contracted upon her soul;
7 na ne kunu no te saa bɔhyɛ no ho asɛm nanso wanka ho hwee a, na ne bɔhyɛ no gyina hɔ.
and her husband should hear, and hold his peace at her in the day in which he should hear, then thus shall all her vows be binding, and her obligations, which she has contracted upon her soul shall stand.
8 Na sɛ ne kunu no te na osiw no ho kwan a na ɛkyerɛ sɛ watwa mu a bɔhyɛ no anaa ntam no ho asodi nna ne so bio, enti Awurade de ne ho bɛkyɛ no.
But if her husband should straitly forbid [her] in the day in which he should hear her, none of her vows or obligations which she has contracted upon her soul shall stand, because her husband has disallowed her, and the Lord shall hold her guiltless.
9 “Ɛsɛ sɛ ɔbea kunafo anaa nea wɔagyaa no aware no di ne ntam a ɔbɛka anaa bɔ a ɔbɛhyɛ no biara so.
And the vow of a widow and of her that is put away, whatsoever she shall bind upon her soul, shall stand to her.
10 “Sɛ waware na ɔte ne kunu fi na ɔhyɛ bɔ anaa ɔka ntam,
And if her vow [be made] in the house of her husband, or the obligation upon her soul with an oath,
11 na ne kunu no te na wansiw no ho kwan a, na ɛkyerɛ sɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ.
and her husband should hear, and hold his peace at her, and not disallow her, then all her vows shall stand, and all the obligations which she contracted against her soul, shall stand against her.
12 Na sɛ ne kunu no te na, sɛ wampene so na, otwa mu a, na ne bɔhyɛ no nni mu na Awurade de ne ho bɛkyɛ no.
But if her husband should utterly cancel the vow in the day in which he shall hear it, none of the things which shall proceed out of her lips in her vows, and in the obligations [contracted] upon her soul, shall stand to her; her husband has cancelled them, and the Lord shall hold her guiltless.
13 Enti ne kunu no betumi asi ne bɔ a ɔhyɛ anaa ntam a ɔka no so dua anaasɛ obetwa mu.
Every vow, and every binding oath to afflict her soul, her husband shall confirm it to her, or her husband shall cancel it.
14 Sɛ da mu no nyinaa wanka ho hwee ankyerɛ no de a, na ɛkyerɛ sɛ ɔpene so wɔ hwee a wanka amfa ho no nti.
But if he be wholly silent at her from day to day, then shall he bind upon her all her vows; and he shall confirm to her the obligations [which she has bound] upon herself, because he held his peace at her in the day in which he heard her.
15 Sɛ ɔtwɛn ma mmere bi fa so ansa na ɔka se bɔhyɛ no nni mu a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔsoa ɔbea no mfomso no ho asodi.”
And if her husband should in any wise cancel [them] after the day in which he heard [them], then he shall bear his iniquity.
16 Eyinom ne mmara a Awurade nam Mose so de maa ɔbarima ne ne yere, ne agya ne ne babea a ɔda so te ne fi no.
These [are] the ordinances which the Lord commanded Moses, between a man and his wife, and between a father and daughter in [her] youth in the house of [her] father.

< 4 Mose 30 >