< 4 Mose 27 >

1 Hefer a ɔyɛ Manase ba, Mika ba, Gilead ba no babarima Selofehad a wofi Manase mmusua a efi Yosef ase no mmabea a wɔn din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa sɔree.
Et se présentèrent les filles de Tselophehad, fils de Hépher, fils de Galaad, fils de Machir, fils de Manassé, de l'une des familles de Manassé, fils de Joseph; or voici les noms de ses filles: Mahela, Noa et Hogla et Milca et Thirtsa;
2 Wɔbaa Mose, ɔsɔfo Eleasar, mpanyimfo ne wɔn a wɔahyia wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no nyinaa anim bɛkaa se,
et elles comparurent devant Moïse et devant le Prêtre Eléazar et devant les Princes et toute l'Assemblée à l'entrée de la Tente du Rendez-vous et dirent:
3 “Yɛn agya wuu wɔ sare so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛma wowuwuu no ho. Ɔno ankasa bɔne nti na owui a wannyaw mmabarima.
Notre père est mort dans le désert; il ne faisait point partie de la troupe conjurée contre l'Éternel, de la troupe de Coré, mais il est mort pour son péché, et il n'avait pas de fils.
4 Adɛn nti na esiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima nti ne din ayera fi nʼabusua mu? Momma yɛn yɛn agya abusua mu agyapade no bi.”
Pourquoi le nom de notre père disparaîtrait-il de sa famille, parce qu'il n'avait pas de fils? Donne-nous un bien-fonds parmi les frères de notre père.
5 Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim.
Et Moïse porta leur affaire devant l'Éternel.
6 Awurade buaa no se,
Alors l'Éternel parla à Moïse en ces termes:
7 “Asɛm a Selofehad mmabea no ka no yɛ nokware. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapade a sɛ wɔn agya no te ase a anka obenya no ma wɔn.
Les filles de Tselophehad ont raison dans ce qu'elles disent: donne-leur un bien-fonds en propriété parmi les frères de leur père, et tu leur transmettras l'héritage de leur père.
8 “Ka kyerɛ Israelfo no se sɛ obi wu na onni mmabarima a ɛsɛ sɛ nʼagyapade kɔ ne mmabea hɔ.
Et tu parleras aux enfants d'Israël et diras: Quand un homme mourra sans laisser de fils, vous transmettrez son héritage à sa fille.
9 Na sɛ onni ɔbabea nso a, ɛsɛ sɛ agyapade no kɔ ne nuabarimanom nkyɛn.
Et s'il n'a pas de fille, vous donnerez son héritage à son frère.
10 Na sɛ onni nuabarimanom a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn.
Et s'il n'a point de frère, vous donnerez son héritage aux frères de son père.
11 Na sɛ onni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfo di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”
Et si son père n'a point de frères, vous donnerez son héritage dans sa famille à son parent consanguin le plus proche, afin qu'il ait cette succession; et que ce soit là pour les enfants d'Israël une règle de droit, ainsi que l'Éternel l'ordonne à Moïse.
12 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ bepɔw a ɛwɔ Abarim mmepɔw no so na hwɛ asase a mede maa Israelfo no.
Et l'Éternel parla à Moïse: Monte sur cette montagne d'Abarim, et vois le pays que j'ai donné aux enfants d'Israël.
13 Sɛ wohwɛ wie a, wubewu sɛnea wo nua Aaron wui no,
Et après l'avoir vu, tu seras recueilli auprès de ton peuple, toi aussi, comme Aaron ton frère a été recueilli,
14 efisɛ wɔsɔre tiaa me mmara wɔ Sin sare so hɔ, mo baanu no buu mʼahyɛde so na moanhyɛ me anuonyam sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn ani so.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsu “Akoe” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin sare so no so.
parce que, dans le désert de Tsin, lorsque l'Assemblée se mutina, vous avez résisté à mon ordre de manifester ma sainteté en faisant jaillir l'eau à leurs yeux. (Ce sont les Eaux de la Querelle à Cadès dans le désert de Tsin.)
15 Mose ka kyerɛɛ Awurade se,
Et Moïse parla à l'Éternel et dit:
16 “Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti, yi obi ma onni dɔm yi anim
Que l'Éternel, Dieu des esprits de toute chair, prépose un homme sur l'Assemblée,
17 a ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade nnipa renyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”
lequel sorte à leur tête et entre à leur tête et qui les mène en campagne et les ramène, afin que l'Assemblée de l'Éternel ne soit pas comme un troupeau sans berger.
18 Enti Awurade buaa Mose se, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ akanni honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa to no so.
Et l'Éternel dit à Moïse: Prends Josué, fils de Nun, homme en qui l'esprit se trouve, et pose ta main sur lui,
19 Fa no kɔ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa anim na fa ne dwumadi hyɛ ne nsa.
et le présente au Prêtre Eléazar et à toute l'Assemblée et donne lui tes instructions en leur présence;
20 Fa wo tumi no bi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo nyinaa betie no.
et mets-le en part de ton autorité, pour que toute l'Assemblée des enfants d'Israël [lui] obéisse.
21 Sɛ wohia akwankyerɛ a efi Awurade hɔ a, Yosua begyina ɔsɔfo Eleasar anim, na ɔsɔfo Eleasar abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛde. Ɔno na ɔbɛhyɛ ama Israelfo no nyinaa afi adi na wahyɛ ama wɔaba mu.”
Et il se présentera au Prêtre Eléazar, et que celui-ci consulte pour lui par le rite de l'Urim devant l'Éternel, et à son ordre sortiront et à son ordre entreront lui et tous les enfants d'Israël avec lui et toute l'Assemblée.
22 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no nyinaa.
Et Moïse se conforma à l'ordre de l'Éternel et prit Josué, et le présenta au Prêtre Eléazar et à toute l'Assemblée,
23 Na ɔde ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛnea Awurade nam ne so hyɛe no.
et il posa ses mains sur lui, et lui donna ses instructions, ainsi que l'Éternel l'avait dit par l'organe de Moïse.

< 4 Mose 27 >