< Nehemia 11 >

1 Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara.
And the chiefs of the people lived in Jerusalem: and the rest of the people cast lots, to bring one of [every] ten to dwell in Jerusalem the holy city, and nine parts in the [other] cities.
2 Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no.
And the people blessed all the men that volunteered to dwell in Jerusalem.
3 Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,
Now these [are] the chiefs of the province who lived in Jerusalem, and in the cities of Juda; [every] man lived in his possession in their cities: Israel, the priests, and the Levites, and the Nathinim, and the children of the servants of Solomon.
4 nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuw mu nnipa no ni: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;
And there lived in Jerusalem [some] of the children of Juda, and of the children of Benjamin. Of the children of Juda; Athaia son of Azia, the son of Zacharia, the son of Samaria, the son of Saphatia, the son of Maleleel, and [some] of the sons of Phares;
5 Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.
and Maasia son of Baruch, son of Chalaza, son of Ozia, son of Adaia, son of Joarib, son of Zacharias, son of Seloni.
6 Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.
All the sons of Phares who lived in Jerusalem [were] four hundred and sixty-eight men of might.
7 Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni: Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;
And these [were] the children of Benjamin; Selo son of Mesulam, son of Joad, son of Phadaia, son of Coleia, son of Maasias, son of Ethiel, son of Jesia.
8 na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe ba.
And after him Gebe, Seli, nine hundred and twenty-eight.
9 Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no.
And Joel son of Zechri [was] overseer over them: and Juda son of Asana was second in the city.
10 Asɔfo no mu nnipa ni: Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;
Of the priests: both Jadia son of Joarib, and Jachin.
11 ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima,
Saraia, son of Elchia, son of Mesulam, son of Sadduc, son of Marioth, son of Aetoth, was over the house of God.
12 ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima
And their brethren doing the work of the house were eight hundred and twenty-two: and Adaia son of Jeroam, son of Phalalia, son of Amasi, son of Zacharia, son of Phassur, son of Melchia,
13 ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima
and his brethren, chiefs of families, two hundred and forty-two: and Amasia son of Esdriel, son of Mesarimith, son of Emmer,
14 ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe. Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.
and his brethren, mighty men of war, a hundred and twenty-eight: and [their] overseer [was] Badiel son of [one of the] great men.
15 Lewifo no nso ni: Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;
And of the Levites; Samaia, son of Esricam,
16 ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;
17 Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano; Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.
Matthanias son of Micha, and Jobeb son of Samui,
18 Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan.
two hundred and eighty-four.
19 Aponanohwɛfo no ni: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a na wɔwɛn wɔ apon no ano.
And the porters; Acub, Telamin, and their brethren, a hundred and seventy-two.
20 Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ.
21 Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so.
22 Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.
And the overseer of the Levites [was] the son of Bani, son of Ozi, son of Asabia, the son of Micha. Of the sons of Asaph the singers [some were] over the house of God,
23 Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.
For so was the king's commandment concerning them.
24 Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu.
And Phathaia son of Baseza was in attendance on the king in every matter for the people,
25 Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa.
and with regard to villages in their country district: and [some] of the children of Juda lived in Cariatharboc,
26 Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet,
and in Jesu,
27 Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa,
and in Bersabee:
28 Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa.
29 Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut,
30 Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu.
And their villages [were] Lachis and her hands: and they pitched their tents in Bersabee.
31 Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa.
And the children of Benjamin [lived] from Gabaa [to] Machmas.
32 Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania,
33 Hasor, Rama, Gitaim,
34 Hadid, Seboim, Nebalat,
35 Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso.
36 Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae.
And of the Levites there were divisions to Juda [and] to Benjamin.

< Nehemia 11 >