< Mika 7 >

1 Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo a otwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu; minnya bobe kasiaw na madi, borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara.
我は禍なるかな 我の景况は夏の菓物を採る時のごとく遺れる葡萄を斂むる時に似たり 食ふべき葡萄あること無く我が心に嗜む初結の無花果あること無し
2 Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so. Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo. Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri.
善人地に絶ゆ 人の中に直き者なし 皆血を流さんと伏て伺ひ各々網をもてその兄弟を獵る
3 Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; ɔsodifo bisa akyɛde, otemmufo gye adanmude, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho.
兩手は惡を善なすに急がし 牧伯は要求め裁判人は賄賂を取り力ある人はその心の惡き望を言あらはし斯共にその惡をあざなひ合す
4 Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem; nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no. Wʼatemmuda no aso, da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
彼らの最も善き者も荊棘のごとく最も直き者も刺ある樹の垣より惡し 汝の觀望人の日すなはち汝の刑罰の日いたる 彼らの中に今混亂あらん
5 Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
汝ら伴侶を信ずる勿れ 朋友を恃むなかれ 汝の懐に寢る者にむかひても汝の口の戸を守れ
6 Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabea sɔre tia ne na, asebea nso tia nʼase onipa atamfo ne nʼankasa ne fifo.
男子は父を藐視め女子は母の背き媳は姑に背かん 人の敵はその家の者なるべし
7 Me de, mede anidaso hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn; na me Nyankopɔn betie me.
我はヱホバを仰ぎ望み我を救ふ神を望み俟つ 我神われに聽たまふべし
8 Mma wʼani nnye, me tamfo! Mahwe ase de, nanso mɛsɔre. Sum aduru me de, nanso Awurade bɛyɛ me hann.
我敵人よ我につきて喜ぶなかれ 我仆るれば興あがる 幽暗に居ればヱホバ我の光となりたまふ
9 Sɛ mayɛ bɔne atia no nti, Awurade abufuw bɛba me so, kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembu adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mehu ne trenee.
ヱホバわが訴訟を理し我ために審判をおこなひたまふまで我は忍びてその忿怒をかうむらん 其は我これに罪を得たればなり ヱホバつひに我を光明に携へいだし給はん 而して我ヱホバの正義を見ん
10 Afei, mʼatamfo behu na wɔn ani bewu, nea osee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Nyankopɔn no wɔ?” Mʼani behu nʼasehwe; mpo mprempren no, wobetiatia no so te sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so.
わが敵これを見ん 汝の神ヱホバは何處にをるやと我に言る者 恥辱をかうむらん 我かれを目に見るべし 彼は街衢の泥のごとくに踏つけらるべし
11 Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba, da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu.
汝の垣を築く日いたらん 其日には法度遠く徙るべし
12 Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wobefi Misraim akosi Eufrate afi po akosi po ne bepɔw so akosi bepɔw so.
その日にはアッスリヤよりエジプトの邑々より人々汝に來りエジプトより河まで海より海まで山より山までの人々汝に來り就ん
13 Asase no bɛyɛ amamfo, esiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛe nti.
その日地はその居民の故によりて荒はつべし 是その行爲の果報なり
14 Fa wo pema di wo nkurɔfo anim, nguan a wɔyɛ wʼagyapade no, a wɔn nko ara tete kwae mu, wura frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.
汝の杖をもて汝の民即ち獨離れてカルメルの中の林にをる汝の産業の羊を牧養ひ之をして古昔の日のごとくバシヤンおよびギレアデにおいて草を食はしめたまへ
15 “Mɛyɛ anwonwade akyerɛ wo, sɛnea meyɛɛ nna a wufi Misraim bae mu no.”
汝がエジプトの國より出來し日のごとく我ふしぎなる事等を彼にしめさん
16 Aman behu wo na wɔn ani bewu, wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano na wɔn aso besisiw.
國々の民見てその一切の能力を恥ぢその手を口にあてん その耳は聾となるべし
17 Wobedi dɔte sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea wɔ fam. Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba; wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama Awurade yɛn Nyankopɔn, na wobesuro wo.
彼らは蛇のごとくに塵を餂め地に匍ふ者の如くにその城より振ひて出で戰慄て我らの神ヱホバに詣り汝のために懼れん
18 Hena na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn. Wʼabufuw ntena hɔ daa, na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.
何の神か汝に如ん 汝は罪を赦しその産業の遺餘者の愆を見過したまふなり 神は憐憫を悦ぶが故にその震怒を永く保ちたまはず
19 Wubehu yɛn mmɔbɔ bio, wubetiatia yɛn bɔne so, na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu.
ふたたび顧みて我らを憐み我らの愆を踏つけ我らの諸の罪を海の底に投しづめたまはん
20 Wobɛyɛ ɔnokwafo ama Yakob na woahu Abraham mmɔbɔ sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam teteete no.
汝古昔の日われらの先祖に誓ひたりしその眞實をヤコブに賜ひ憐憫をアブラハムに賜はん

< Mika 7 >