< Mika 7 >

1 Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo a otwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu; minnya bobe kasiaw na madi, borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara. 2 Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so. Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo. Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri. 3 Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; ɔsodifo bisa akyɛde, otemmufo gye adanmude, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho. 4 Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem; nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no. Wʼatemmuda no aso, da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ. 5 Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho. 6 Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabea sɔre tia ne na, asebea nso tia nʼase onipa atamfo ne nʼankasa ne fifo. 7 Me de, mede anidaso hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn; na me Nyankopɔn betie me. 8 Mma wʼani nnye, me tamfo! Mahwe ase de, nanso mɛsɔre. Sum aduru me de, nanso Awurade bɛyɛ me hann. 9 Sɛ mayɛ bɔne atia no nti, Awurade abufuw bɛba me so, kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembu adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mehu ne trenee. 10 Afei, mʼatamfo behu na wɔn ani bewu, nea osee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Nyankopɔn no wɔ?” Mʼani behu nʼasehwe; mpo mprempren no, wobetiatia no so te sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so. 11 Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba, da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu. 12 Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wobefi Misraim akosi Eufrate afi po akosi po ne bepɔw so akosi bepɔw so. 13 Asase no bɛyɛ amamfo, esiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛe nti. 14 Fa wo pema di wo nkurɔfo anim, nguan a wɔyɛ wʼagyapade no, a wɔn nko ara tete kwae mu, wura frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu. 15 “Mɛyɛ anwonwade akyerɛ wo, sɛnea meyɛɛ nna a wufi Misraim bae mu no.” 16 Aman behu wo na wɔn ani bewu, wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano na wɔn aso besisiw. 17 Wobedi dɔte sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea wɔ fam. Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba; wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama Awurade yɛn Nyankopɔn, na wobesuro wo. 18 Hena na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn. Wʼabufuw ntena hɔ daa, na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi. 19 Wubehu yɛn mmɔbɔ bio, wubetiatia yɛn bɔne so, na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu. 20 Wobɛyɛ ɔnokwafo ama Yakob na woahu Abraham mmɔbɔ sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam teteete no.

< Mika 7 >