< Mika 2 >

1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ. 2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye. Na afi nso wɔfa. Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, na wɔn agyapade nso wogye. 3 Enti, sɛnea Awurade se ni, “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho na worentumi nyi wo ho mfi mu. Worentumi nnantew ahantan so bio, efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne. 4 Saa da no, nnipa bɛserew mo. Wɔde saa awerɛhow dwom yi bedi mo ho fɛw se: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. Ogye fi me nsam! Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’” 5 Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no. 6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguase rento yɛn.” 7 Mo Yakobfi, so wɔnka se, “Awurade Honhom nni boasetɔ ana? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana? “Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ no yiye ana? 8 Akyiri no me nkurɔfo asɔre te sɛ ɔtamfo. Moworɔw ntade pa fi wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono. 9 Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. Mugye me nhyira fi wɔn mma nsam afebɔɔ. 10 Sɔre, fi ha kɔ! Ha nyɛ faako a wɔhome, efisɛ ho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio. 11 Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.” 12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya. 13 Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim; wobebu apon no na wɔafi akɔ. Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

< Mika 2 >