< Marko 16 >

1 Ade kyee a Homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo na Maria kɔtɔɔ nnuhuam se wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.
And when the sabbath was past, Mary Magdalene, and Mary the [mother] of James, and Salome, had bought sweet spices, that they might come and anoint him.
2 Da a edi nnaawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɔda no so.
And very early in the morning, the first [day] of the week, they came to the sepulcher at the rising of the sun:
3 Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, na wɔredwene nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɔda no ano no ho.
And they said among themselves, Who shall roll away for us the stone from the door of the sepulcher?
4 Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kɛse no afi ɔda no ano.
(And when they looked, they saw that the stone was rolled away) for it was very great.
5 Wɔkɔɔ ɔda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ piriw.
And entering into the sepulcher, they saw a young man sitting on the right side, clothed in a long white garment; and they were frightened.
6 Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too hɔ!
And he saith to them, Be not frightened: ye seek Jesus of Nazareth, who was crucified: he is risen; he is not here: behold the place where they laid him:
7 Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ nʼasuafo no ne Petro se, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’”
But go, tell his disciples and Peter, that he goeth before you into Galilee: there shall ye see him, as he said to you.
8 Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
And they went out quickly, and fled from the sepulcher; for they trembled, and were amazed: neither said they any thing to any [man]; for they were afraid.
9 (note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no.
(note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) Now when [Jesus] was risen early, the first [day] of the week, he appeared first to Mary Magdalene, out of whom he had cast seven demons.
10 Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu.
[And] she went and told them that had been with him, as they mourned and wept.
11 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso wɔannye no anni.
And they, when they had heard that he was alive, and had been seen by her, believed not.
12 Akyiri no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ na wasakra.
After that, he appeared in another form to two of them, as they were walking and going into the country.
13 Akyiri no a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.
And they went and told [it] to the residue: neither believed they them.
14 Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.
Afterward he appeared to the eleven, as they sat at table, and upbraided them with their unbelief, and hardness of heart, because they believed not them who had seen him after he was risen.
15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.
And he said to them, Go ye into all the world, and preach the gospel to every creature.
16 Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ.
He that believeth and is baptized, shall be saved; but he that believeth not shall be damned.
17 Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo.
And these signs shall follow them that believe: In my name shall they cast out demons; they shall speak in new languages;
18 Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
They shall take up serpents; and if they drink any deadly thing, it shall not hurt them; they shall lay hands on the sick, and they shall recover.
19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wiee akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.
So then after the Lord had spoken to them, he was received up into heaven, and sat on the right hand of God.
20 Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no mu den.
And they went forth, and preached every where, the Lord working with [them], and confirming the word with signs following. Amen.

< Marko 16 >