< Luka 16 >

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma.
And he also said to his disciples, There was a certain rich man who had a manager, and this man was accused to him as squandering things possessed by him.
2 Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’
And having called him, he said to him, What is this I hear about thee? Render the account of thy management, for thou can no longer manage.
3 “Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade.
And the manager said within himself, What shall I do because my lord takes away the management from me? I am not able to dig. I am ashamed to beg.
4 Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’
I know what I will do, so that when I am removed from the management they may receive me into their houses.
5 “Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’
And having summoned each one of his lord's debtors, he said to the first, How much do thou owe to my lord?
6 “Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode ngo nhina du ka.’
And he said, A hundred measures of olive oil. And he said to him, Receive thy document, and having sat down, quickly write fifty.
7 “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’ “Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’
Next he said to another, And how much do thou owe? And he said, A hundred measures of wheat. And he says to him, Receive thy document, and write eighty.
8 “Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. (aiōn g165)
And his lord commended the unrighteous manager because he did shrewdly. Because the sons of this age are shrewder in their own generation than the sons of the light. (aiōn g165)
9 Na me nso mise mo sɛ, momfa wiase ahonyade no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ɛsa a wɔagye mo. (aiōnios g166)
And I say to you, make friends for yourselves from the mammon of unrighteousness, so that, when ye cease, they may receive you into the eternal dwellings. (aiōnios g166)
10 “Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho.
The man faithful in the least is faithful also in much, and the man unrighteous in the least is unrighteous also in much.
11 Sɛ moantumi anni nokware wɔ wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa?
If therefore ye did not become faithful in the unrighteous mammon, who will entrust to you what is true?
12 Sɛ moanni nokware wɔ obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?
And if ye did not become faithful in the alien, who will give thine to you?
13 “Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.”
No servant can serve two masters, for either he will hate the one and love the other, or he will hold to one and despise the other. Ye cannot serve God and mammon.
14 Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw.
And the Pharisees, being lovers of money, heard all these things, and they sneered him.
15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim.
And he said to them, Ye are those who declare yourselves righteous in the sight of men, but God knows your hearts. Because what is lofty among men is an abomination in the sight of God.
16 “Ansa na Osuboni Yohane bɛba no na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Osuboni Yohane bae no ɔbɛkaa Onyankopɔn ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa ahenni no mu.
The law and the prophets were until John. From that time the kingdom of God is proclaimed good news, and every man in it is treated aggressively.
17 Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwa mu sen sɛ mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera.
But it is easier for the heaven and the earth to pass away, than for one tittle of the law to fall.
18 “Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no bɔ aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ aguaman.”
Every man who divorces his wife and marries another, commits adultery, and every man who marries her who has been divorced from a husband commits adultery.
19 Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso.
Now there was a certain rich man, and he was clothed in purple and fine linen, faring sumptuously daily.
20 Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano.
But there was a certain poor man named Lazarus, who had been placed near his gate, covered with sores,
21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu.
and longing to be fed with the crumbs that fell from the rich man's table. But even the dogs that came licked his sores.
22 “Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no.
And it came to pass for the poor man to die and be carried by the agents to Abraham's bosom. And the rich man also died and was buried.
23 Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. (Hadēs g86)
And having lifted up his eyes in Hades, being in torments, he sees Abraham from afar and Lazarus by his bosom. (Hadēs g86)
24 Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’
And having cried out, he said, Father Abraham, be merciful to me, and send Lazarus, so that he may dip the tip of his finger in water, and cool my tongue, because I am in agony in this flame.
25 “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw.
But Abraham said, Child, remember that thou in thy lifetime received thy good things, and likewise Lazarus evil things. But now here he is comforted and thou are in agony.
26 Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’
And besides all these things, between us and you a great chasm is fixed, so that those here who want to cross over to you are not able, nor may those go across from there to us.
27 “Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi,
And he said, I beg thee therefore, father, that thou would send him to my father's house,
28 efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’
for I have five brothers, that he may testify to them, lest they also come into this place of torment.
29 “Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’
But Abraham says to him, They have Moses and the prophets. Let them hear them.
30 “Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wɔ mu de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’ (questioned)
And he said, No, father Abraham, but if some man would go to them from the dead they will repent.
31 “Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’” (questioned)
And he said to him, If they do not listen to Moses and the prophets, neither will they be persuaded if some man would rise from the dead.

< Luka 16 >