< Luka 11 >

1 Da bi, na Yesu rebɔ mpae wɔ baabi. Owiei no, nʼasuafo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea Yohane kyerɛɛ nʼasuafo mpaebɔ no.” 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ morebɔ mpae a, monka se, “‘Agya, wo din ho ntew, wʼahenni mmra. 3 Ma yɛn yɛn ano aduan daa. 4 Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.’” 5 Yesu bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ ɔdasu mu akɔka akyerɛ no se, ‘Me nua, fɛm me aduan kakra, 6 efisɛ ɔhɔho bi abefu me mu, na minni aduan biara a mede bɛma no,’ 7 na ɔbɛma no mmuae afi ne dan mu se, ‘Nhaw me! Mato me pon mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’ 8 Mereka akyerɛ mo se, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a ɔrensɔre. Nanso esiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti ɛbɛma wasɔre ama no nea ehia no no nyinaa. 9 “Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo. 10 Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no. 11 “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo, 12 anaasɛ obisa no apataa a ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no akekantwɛre? 13 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?” 14 Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw. 15 Nanso ebinom kae se, “Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul tumi so na etu ahonhommɔne.” 16 Afoforo nso pɛe sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn. 17 Nanso ohuu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Kurow biara a emu akyekyɛ no dan amamfo. Saa ara nso na ofi biara a emu kyekyɛ no gu. 18 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahenni begyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne. 19 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn. 20 Nanso sɛ menam Onyankopɔn tumi so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no aba mo so. 21 “Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia nʼagyapade; 22 nanso sɛ nea ne ho yɛ den na ɔwɔ akode pa sen no kɔ ne so a, odi ne so nkonim, gye nʼakode a ɔde ne ho too so no, sesaw nʼagyapade no nyinaa kɔ. 23 “Obiara a onni mʼafa no tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu. 24 “Sɛ wotu honhommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea, nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a ɔka se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’ 25 Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, obehu sɛ ɛhɔ tew a efi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. 26 Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Eyi ma onipa no sɛe koraa sen sɛnea anka na ɔte kan no.” 27 Yesu gu so rekasa no, ɔbea bi fi nnipadɔm no mu kae se, “Nhyira nka ɔyafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunum ano no!” 28 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu de, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.” 29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ mma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no. 30 Na sɛnea Yona si yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Ninewefo no, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama nnɛ mma yi. 31 Atemmuda no, Sebahemmea ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha. 32 Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha. 33 “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa. 34 Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a, ɛma wo nipadua no dan sum tumm. 35 Enti hwɛ yiye na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum. 36 Sɛ wo nipadua yɛ hann a sum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛnea kanea hyerɛn gu wo so no.” 37 Yesu kasa wiee no, Farisini bi hyiaa no adidi enti ɔkɔe se ɔne no rekodidi. 38 Farisini no huu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛnea wɔn amanne kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwonwa. 39 Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku nsanka ne mprɛte ho, nanso fi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ! 40 Adwenharefo! Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyi no ara na ɔyɛɛ mu nso? 41 Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo. 42 “Mo Farisifo, munnue! Moma mo nnɔbae so ntotoso du du, nanso mototo adetreneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ bagua mu a mopɛ sɛ nnipa hu mo kyia mo. 43 “Mo Farisifo, munnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. 44 “Munnue! Efisɛ mote sɛ nna a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam nna so.” 45 Mmaranimfo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.” 46 Yesu buaa no se, “Mo mmaranimfo nso munnue! Mohyɛ nnipa ma wodi mmara a ɛyɛ den so pɛpɛɛpɛ, nanso mo de, munni so sɛ sɛnea ɛsɛ. 47 “Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no nna so. 48 Mo nneyɛe yi di adanse sɛ mopene nea mo agyanom yɛe no so. Ne nkyerɛase ne sɛ mo agyanom kunkum adiyifo no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn. 49 Eyi ne nea Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo aba mo nkyɛn na mubekunkum bi na moataa wɔn a aka no.’ 50 Mereka akyerɛ mo se, adiyifo no mogya a wɔka gu fii wiase mfiase no, 51 efi Habel kum so kosi Sakaria, a wokum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wobebisa ɛho asɛm afi mo nkyɛn. 52 “Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.” 53 Ofi Farisini no fi hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfo ne Farisifo no dii nʼakyi de nsɛmmisa guan ne ho, 54 pɛɛ sɛ ɔka biribi a wobegyina so anya no akyere no.

< Luka 11 >