< 3 Mose 26 >

1 “‘Monnyɛ abosom. Munnsisi ahoni anaa abo mma mo ho. Mommfa abo a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkotow wɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no. 2 “‘Ɛsɛ sɛ mudi me Homeda, na mode nidi ma me kronkronbea. Mene Awurade. 3 “‘Sɛ mudi me mmara no nyinaa so a, 4 daa mɛtɔ osu ama mo ama mo nnɔbae ayɛ yiye abu so, na mo nnua nso bɛsow aba a ɛbɛkyɛ wɔ nnua no so. 5 Na sɛ edu odua bere so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mubedidi amee na moatena asase no so asomdwoe mu. 6 “‘Mɛma mo asomdwoe, na mɛma mo ada a munnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afi mo ho. 7 Mobɛtaa mo atamfo; na wobewuwu wɔ mo afoa ano. 8 Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka mpem du agu! Mo atamfo bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ mo anim. 9 “‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔ, na madi apam a me ne mo pamee no so. 10 Mo nnɔbae bebu so a sɛ otwabere foforo du so a, morenhu nea mode bɛyɛ. 11 Na mɛtena mo mu, na merenkyi mo. 12 Me ne mo bɛnantew, na mayɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. 13 Mene Awurade mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Misraim asase so bae sɛnea morenyɛ Misraimfo nkoa bio no. Mibubuu mo konnua nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛma mo anantew anuonyam so. 14 “‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so, 15 na mopo mʼahyɛde ne me mmara na moanni so, bu mʼapam so a, 16 nea mɛyɛ mo ni: Mɛma mo koma atutu na mama nsamanwaw ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani betutu, na mo nkwa so ahuan. Mubedua nnɔbae agu kwa, efisɛ mo atamfo na wobedi. 17 Meyi mʼani afi mo so, na moaguan afi mo atamfo anim. Wɔn a wɔtan mo no bedi mo so. Mubeguan bere a obiara ntaa mo mpo. 18 “‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo bɔne no so aso mmɔho ason. 19 Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dade ne mo fam sɛ kɔbere. 20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase rennya nnɔbae biara, na ɛso nnua nso rensow aba. 21 “‘Na sɛ tie ara na morentie me a, mo bɔne nti, mede ɔyaredɔm mmɔho ason a ɛfata mo bɔne no begu mo so. 22 Mɛma nkekaboa abekunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwi, na matew mo dodow so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio. 23 “‘Na sɛ eyi antumi ansakra mo, na mokɔ so tia mʼapɛde a, 24 me nso, metia mo apɛde, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mpɛn ason wɔ mo bɔne ho. 25 Menam ɔko so bebu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mubeguan akɔ mo nkurow mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfo bedi mo so. 26 Mɛsɛe mo nnuan a mubenya nyinaa akosi sɛ mpo, fononoo baako brodo a ɛbɛto no na mmusuakuw du bedi. Aduan kakra a mubedi no akyi, ɔkɔm bɛde mo. 27 “‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, 28 mo bɔne nti, me bo befuw mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho ason. 29 Mobɛwe mo mmabarima ne mo mmabea nam. 30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Metwitwa mo aduhuam afɔremuka agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a enni nkwa no so; na mɛpo mo. 31 Mɛma mo nkurow ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohuam afɔrebɔ no. 32 Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfo atena so, na nea mɛyɛ mo no ayɛ mo nwonwa. 33 Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa so, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkurow. 34 Akyiri no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfe dodow a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmere a mowɔ atamfo nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso. 35 Bere a asase no da mpan nyinaa, ebenya home a moamma annya wɔ Homeda dodow a motenaa so no. 36 “‘Wɔn a wogyaw wɔn hɔ a wonwui no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafo ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahaban koraa a, wobeguan te sɛ nea obi a okura afoa repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ bere a obi ntaa wɔn. 37 Obiara rentaa wɔn nanso ehu nti, wobehintihintiw wɔn ho wɔn ho te sɛnea wɔreguan afi akono a wonni tumi biara a wɔde begyina wɔn atamfo anim no. 38 Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfo asɛe mo. 39 Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne nti, wɔn ho bɛyeraw wɔn wɔ atamfo nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛe no nti. 40 “‘Nanso akyiri no, me nkurɔfo bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛnea wodii me huammɔ na wotiaa me no. 41 Sɛ me nso mitia wɔn sɛ nea ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfo asase so a, afei, wɔn komaden no ano bɛbrɛ ase, na wobetua wɔn bɔne so ka. 42 Afei, mɛkae apam a mene Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no. 43 Asase no da hɔ dinn no, ebedi ne homeda. Nanso akyiri no, wobenya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛe so na wɔpoo mʼahyɛde. 44 Na nea wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔn ne mʼapam no korakora, efisɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn. 45 Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim, bere a amanaman nyinaa rehwɛ no yɛe no. Me Awurade ne wɔn Nyankopɔn.’” 46 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israelfo no wɔ Sinai Bepɔw so no.

< 3 Mose 26 >