< Yosua 2 >

1 Afei, Yosua somaa akwansrafo baanu wɔ kokoa mu fii Israelfo atenae a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titiriw nea atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu koduu oguamanfo bi a ne din de Rahab fi, na wɔtenaa hɔ anadwo no. 2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene se, “Anadwo yi ara, Israelfo no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” 3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.” 4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae. 5 Ade reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apon mu no na wɔkɔe, nso manhu faako a wɔfae. Sɛ moyɛ ntɛm tiw wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” 6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.) 7 Enti, ɔhene asomafo no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafo no wɔ ɔkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan asutwabea hɔ. Asomafo no fi hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apon mu. 8 Ansa na akwansrafo no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɔdan no atifi ne wɔn kɔkasae se, 9 “Minim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa. 10 Yɛate sɛnea Awurade maa Po Kɔkɔɔ no yow ma munyaa kwan faa mu bere a mufii Misraim no. Na yenim sɛnea moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no ne sɛnea mosɛee wɔn nkurɔfo pasaa no. 11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn koma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sɛɛ a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Nyankopɔn no, ne otumfo Nyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro ne asase ase. 12 “Enti momfa Awurade nka ntam nkyerɛ me se, esiane sɛ maboa mo nti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafo adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so se, 13 moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me na, me nuabarimanom ne nuabeanom ne wɔn ho nnipa nyinaa.” 14 Mmarima no penee so kae se, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ Awurade de asase no ma yɛn a, yebedi yɛn bɔhyɛ so.” 15 Esiane sɛ wosii Rahab fi sii kurow no fasu so nti, ɔde hama sian wɔn faa mfɛnsere mu maa wosii fam. 16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munguan mfa bepɔw so man no so. Momfa mo ho nsie nnansa kosi sɛ atiwfo no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsan wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.” 17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban 18 na mmom, gyaw hama kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mfɛnsere ano no na ma wʼabusuafo a ɛyɛ wʼagya, wo na, wo nuabarimanom ne wɔn abusuafo nyinaa mmɛhyɛ ofi no mu a wɔnnkɔ baabiara. 19 Sɛ wopue si abɔnten a, wobekum wɔn nyinaa na obi ntumi mmɔ yɛn sobo sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ ofi yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso renteɛ ne nsa wɔ wɔn so. 20 Na sɛ wudi yɛn huammɔ de a, ntam yi nnkyekyere yɛn ɔkwan biara so.” 21 Ɔbea no buae se, “Mepene mo nhyehyɛe no nyinaa so.” Ogyaa wɔn kwan, bere a hama kɔkɔɔ no sɛn ofi no mfɛnsere no ano. 22 Akwansrafo no kɔɔ bepɔw asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atiwfo no hwehwɛɛ ɔkwan no so baabiara, san kɔɔ wɔn kurom a wɔanhu akwansrafo no wɔ baabiara. 23 Afei akwansrafo baanu no sian fii bepɔw asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. 24 Wɔkae se, “Ampa ara Awurade de asase no nyinaa bɛma yɛn, efisɛ yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.”

< Yosua 2 >