< Yosua 16 >

1 Yosef asefo no kyɛfa fi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apuei fam, kɔfa sare no so kopue Bet-El bepɔw asase no so. 2 Efi Bet-El, a ɛyɛ Lus, a ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifo mantam mu. 3 Esian fa atɔe fam kosi Bet-Horon Anafo a ɛwɔ Yafletifo mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akosi Po Kɛse no mu. 4 Yosef mmabarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapade. 5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapade. Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi hɔ kɔ Bet-Horon Soro, 6 na akɔ Po Kɛse no ho. Atifi fam hye no fi Po Kɛse no, ɛfa apuei fam, twa mu wɔ Mikmetat, na akɔntɔn afa apuei fam, atwa mu wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apuei fam. 7 Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8 Efi Tapua a, ɔhye no kɔ atɔe fam, nam Kana Suka no mu kosi Po Kɛse no. Saa agyapade yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuw no. 9 Wɔde nkurow bi ne wɔn nkuraase a ɛwɔ Manase abusuakuw no fa mantam mu maa Efraim. 10 Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te hɔ sɛ nkoa de besi nnɛ.

< Yosua 16 >