< Yona 3 >

1 Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so se, 2 “Kɔ Ninewe kuropɔn no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.” 3 Yona yɛɛ osetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titiriw a wɔde nnansa na etwa mu nyinaa. 4 Da a edi kan no, Yona hyɛn kuropɔn no mu, na ofii ase pae mu kae se, “Aka adaduanan na wɔadan Ninewe abutuw.” 5 Ninewefo gyee Nyankopɔn dii. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bedi mmuada, efi ɔkɛse so kosi aketewa so, na wɔafurafura atweaatam. 6 Bere a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre fii nʼahengua so, ɔworɔw nʼahentade, ofuraa atweaatam, na ɔtenaa mfutuma mu. 7 Afei, ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Ninewe se, “Mmara a wofi ɔhene ne nʼatitiriw hɔ ni: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuw anaa nguankuw, mmfa hwee nka nʼano; onnnidi anaa ɔnnom. 8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa atweaatam nkata wɔn ho. Obiara mfa anibere nsu mfrɛ Onyankopɔn. Womfi wɔn akwammɔne so, na wonnyae basabasayɛ. 9 Hena na onim? Ebia, Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuwhyew no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” 10 Na Onyankopɔn huu sɛnea wɔyɛɛ ne sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne ho no, ohuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛnea ɔkae no.

< Yona 3 >