< Yohane 19 >

1 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa.
当下彼拉多将耶稣鞭打了。
2 Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
兵丁用荆棘编做冠冕戴在他头上,给他穿上紫袍,
3 Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ nʼani so kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”
又挨近他,说:“恭喜,犹太人的王啊!”他们就用手掌打他。
4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”
彼拉多又出来对众人说:“我带他出来见你们,叫你们知道我查不出他有什么罪来。”
5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”
耶稣出来,戴着荆棘冠冕,穿着紫袍。 彼拉多对他们说:“你们看这个人!”
6 Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” Pilato ka kyerɛ wɔn se, “Mo ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asennua mu, efisɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”
祭司长和差役看见他,就喊着说:“钉他十字架!钉他十字架!”彼拉多说:“你们自己把他钉十字架吧!我查不出他有什么罪来。”
7 Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, efisɛ ɔkae se ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
犹太人回答说:“我们有律法,按那律法,他是该死的,因他以自己为 神的儿子。”
8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye.
彼拉多听见这话,越发害怕,
9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.
又进衙门,对耶稣说:“你是哪里来的?”耶稣却不回答。
10 Pilato bisaa no se, “Woremmua me ana? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asennua mu!”
彼拉多说:“你不对我说话吗?你岂不知我有权柄释放你,也有权柄把你钉十字架吗?”
11 Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”
耶稣回答说:“若不是从上头赐给你的,你就毫无权柄办我。所以,把我交给你的那人罪更重了。”
12 Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Sɛ wugyaa no a na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”
从此,彼拉多想要释放耶稣,无奈犹太人喊着说:“你若释放这个人,就不是凯撒的忠臣。凡以自己为王的,就是背叛凯撒了。”
13 Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”).
彼拉多听见这话,就带耶稣出来,到了一个地方,名叫“铺华石处”,希伯来话叫厄巴大,就在那里坐堂。
14 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no. Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!”
那日是预备逾越节的日子,约有午正。彼拉多对犹太人说:“看哪,这是你们的王!”
15 Dɔm no nso teɛteɛɛ mu bio se, “Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!” Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asennua mu ana?” Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!”
他们喊着说:“除掉他!除掉他!钉他在十字架上!”彼拉多说:“我可以把你们的王钉十字架吗?”祭司长回答说:“除了凯撒,我们没有王。”
16 Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asennua mu.
于是彼拉多将耶稣交给他们去钉十字架。
17 Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”.
他们就把耶稣带了去。耶稣背着自己的十字架出来,到了一个地方,名叫“髑髅地”,希伯来话叫各各他。
18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.
他们就在那里钉他在十字架上,还有两个人和他一同钉着,一边一个,耶稣在中间。
19 Pilato kyerɛw se, Yesu Nasareni, Yudafo Hene de taree nʼasennua no atifi.
彼拉多又用牌子写了一个名号,安在十字架上,写的是:“犹太人的王,拿撒勒人耶稣。”
20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asennua mu ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee.
有许多犹太人念这名号;因为耶稣被钉十字架的地方与城相近,并且是用希伯来、罗马、希腊三样文字写的。
21 Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa se mene Yudafo hene!’”
犹太人的祭司长就对彼拉多说:“不要写‘犹太人的王’,要写‘他自己说:我是犹太人的王’。”
22 Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”
彼拉多说:“我所写的,我已经写上了。”
23 Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee.
兵丁既然将耶稣钉在十字架上,就拿他的衣服分为四分,每兵一分;又拿他的里衣,这件里衣原来没有缝儿,是上下一片织成的。
24 Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.” Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔkyekyɛɛ me ntama mu, bɔɔ mʼatade so ntonto fae” no bɛba mu. Nea asraafo no yɛe ne no.
他们就彼此说:“我们不要撕开,只要拈阄,看谁得着。”这要应验经上的话说: 他们分了我的外衣, 为我的里衣拈阄。 兵丁果然做了这事。
25 Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene.
站在耶稣十字架旁边的,有他母亲与他母亲的姊妹,并革罗罢的妻子马利亚,和抹大拉的马利亚。
26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.”
耶稣见母亲和他所爱的那门徒站在旁边,就对他母亲说:“母亲,看,你的儿子!”
27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.
又对那门徒说:“看,你的母亲!”从此,那门徒就接她到自己家里去了。
28 Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.”
这事以后,耶稣知道各样的事已经成了,为要使经上的话应验,就说:“我渴了。”
29 Wɔde sapɔw a etua adwerɛ ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano.
有一个器皿盛满了醋,放在那里;他们就拿海绒蘸满了醋,绑在牛膝草上,送到他口。
30 Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu.
耶稣尝了那醋,就说:“成了!”便低下头,将灵魂交付 神了。
31 Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafo mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asennua no so kosi nʼadekyee a wobedi Twam Afahyɛ no. Enti wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asennua no so.
犹太人因这日是预备日,又因那安息日是个大日,就求彼拉多叫人打断他们的腿,把他们拿去,免得尸首当安息日留在十字架上。
32 Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu ho no anan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso anan.
于是兵丁来,把头一个人的腿,并与耶稣同钉第二个人的腿,都打断了。
33 Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi.
只是来到耶稣那里,见他已经死了,就不打断他的腿。
34 Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae.
惟有一个兵拿枪扎他的肋旁,随即有血和水流出来。
35 Onipa a ohuu nea esii no na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi.
看见这事的那人就作见证—他的见证也是真的,并且他知道自己所说的是真的—叫你们也可以信。
36 Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi”
这些事成了,为要应验经上的话说:“他的骨头一根也不可折断。”
37 ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.
经上又有一句说:“他们要仰望自己所扎的人。”
38 Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoa mu no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti okoyii Yesu amu no.
这些事以后,有亚利马太人约瑟,是耶稣的门徒,只因怕犹太人,就暗暗地作门徒。他来求彼拉多,要把耶稣的身体领去。彼拉多允准,他就把耶稣的身体领去了。
39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobow ne aduhuam mfrafrae a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa abiɛsa bae.
又有尼哥德慕,就是先前夜里去见耶稣的,带着没药和沉香约有一百斤前来。
40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no.
他们就照犹太人殡葬的规矩,把耶稣的身体用细麻布加上香料裹好了。
41 Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no.
在耶稣钉十字架的地方有一个园子,园子里有一座新坟墓,是从来没有葬过人的。
42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.
只因是犹太人的预备日,又因那坟墓近,他们就把耶稣安放在那里。

< Yohane 19 >