< Yohane 17 >

1 Yesu kaa saa nsɛm yi wiee no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae se, “Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam. 2 Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a enni awiei. (aiōnios g166) 3 Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! (aiōnios g166) 4 Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so. 5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na wobɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha. 6 “Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo de na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. 7 Afei, wɔahu sɛ biribiara a wode ama me no fi wo nkyɛn. 8 Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wotiei. Wonim sɛ ɛyɛ nokware sɛ mifi wo nkyɛn na mebae. Na wogye di sɛ wo na wosomaa me. 9 Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye wʼasɛm nni, na mmom nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ wɔyɛ wo de. 10 Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam. 11 Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no. 12 Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu. 13 “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa bere a meda so wɔ wiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a mʼanigye bɛhyɛ wɔn ma. 14 Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefo tan wɔn, efisɛ womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no. 15 Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam. 16 Sɛnea mimfi wiase no, saa ara na wɔn nso mfi wiase. 17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron. 18 Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase. 19 Wɔn nti mede me ho ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo. 20 “Memmɔ mpae mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam asuafo asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso. 21 Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara na ma wɔn nso ntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ wo na wosomaa me. 22 Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no. 23 Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. 24 “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahu mʼanuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase. 25 “Agya Kronkron, wiase nnim wo nanso me de, minim wo; na asuafo yi nim sɛ wo na wosomaa me. 26 Mama wɔahu sɛnea wo te, na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso matena wɔn mu bi.”

< Yohane 17 >