< Hiob 35 >

1 Afei, Elihu kae se: 2 “Wugye di sɛ, eyi fata? Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’ 3 Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’ 4 “Mepɛ sɛ mibua wo ne wo nnamfonom nyinaa. 5 Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ. 6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so? 7 Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam? 8 Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo na wo trenee ka nnipa mma nko ara. 9 “Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so; na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam. 10 Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ, nea ɔma nnwom anadwo no, 11 nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’ 12 Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua, amumɔyɛfo ahantan nti. 13 Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfo remmu. 14 Ɛno de adɛn na ɔrentie bere a woka se wunhu no, na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no, 15 na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii? 16 Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu; nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”

< Hiob 35 >