< Hiob 25 >

1 Na Suhini Bildad buae se, 2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. 3 Wobetumi akan nʼakofo ana? Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so? 4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim? Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn? 5 Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a, 6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa, onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”

< Hiob 25 >