< Hiob 23 >

1 Na Hiob buae se, 2 “Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi. 3 Sɛ minim baabi a mehu no; anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a 4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnye bebree. 5 Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me, na madwen nea ɔbɛka ho. 6 Ɔbɛsɔre atia me dennen ana? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. 7 Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ. 8 “Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ; sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no. 9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no; sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho. 10 Nanso onim ɔkwan a menam so; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ. 11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manantew nʼakwan so a mamman. 12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan. 13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. 14 Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me; ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree. 15 Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no. 16 Onyankopɔn ama me koma abotow; Otumfo ama mabɔ huboa. 17 Nanso sum no mma menka mʼano nto mu, sum kabii a ɛkata mʼanim no.

< Hiob 23 >