< Hiob 12 >

1 Na Hiob buae se,
約伯回答說:
2 “Akyinnye nni ho, mo ne nnipa no na muwu a na nyansa asa!
你們真是子民哪, 你們死亡,智慧也就滅沒了。
3 Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara monnsen me. Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa?
但我也有聰明,與你們一樣, 並非不及你們。 你們所說的,誰不知道呢?
4 “Mayɛ aserewde ama me nnamfonom, mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae, aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm.
我這求告上帝、蒙他應允的人 竟成了朋友所譏笑的; 公義完全人竟受了人的譏笑。
5 Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn no bu amanehunu animtiaa sɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no.
安逸的人心裏藐視災禍; 這災禍常常等待滑腳的人。
6 Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan, na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw wɔ bammɔ na Onyankopɔn bɔ nea ɔde ma wɔn ho ban.
強盜的帳棚興旺, 惹上帝的人穩固, 上帝多將財物送到他們手中。
7 “Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo anaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo
你且問走獸,走獸必指教你; 又問空中的飛鳥,飛鳥必告訴你;
8 anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo.
或與地說話,地必指教你; 海中的魚也必向你說明。
9 Wɔn nyinaa mu hena na onnim sɛ Awurade nsa na ayɛ eyi.
看這一切, 誰不知道是耶和華的手做成的呢?
10 Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔ ne adesamma nyinaa home.
凡活物的生命和人類的氣息都在他手中。
11 So aso nsɔ nsɛm nhwɛ sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana?
耳朵豈不試驗言語, 正如上膛嘗食物嗎?
12 Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn, na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?
年老的有智慧; 壽高的有知識。
13 “Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de; afotu ne ntease yɛ ne dea.
在上帝有智慧和能力; 他有謀略和知識。
14 Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi; nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no.
他拆毀的,就不能再建造; 他捆住人,便不得開釋。
15 Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee; sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.
他把水留住,水便枯乾; 他再發出水來,水就翻地。
16 Ahoɔden ne nkonimdi yɛ ne de osisifo ne nea wosisi no no nso yɛ ne de.
在他有能力和智慧, 被誘惑的與誘惑人的都是屬他。
17 Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔ na ɔma atemmufo yɛ nkwasea.
他把謀士剝衣擄去, 又使審判官變成愚人。
18 Ɔworɔw ahemfo nkyehama na ɔde abɔso bɔ wɔn asen.
他放鬆君王的綁, 又用帶子捆他們的腰。
19 Ɔpa asɔfo ho ntama, na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu.
他把祭司剝衣擄去, 又使有能的人傾敗。
20 Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ, na ogye mpanyimfo nhumu.
他廢去忠信人的講論, 又奪去老人的聰明。
21 Ɔde animguase gu atitiriw so na otintim gye ahoɔdenfo nsam akode.
他使君王蒙羞被辱, 放鬆有力之人的腰帶。
22 Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adi na ɔde sum kabii ba hann mu.
他將深奧的事從黑暗中彰顯, 使死蔭顯為光明。
23 Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu.
他使邦國興旺而又毀滅; 他使邦國開廣而又擄去。
24 Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam; na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so.
他將地上民中首領的聰明奪去, 使他們在荒廢無路之地漂流;
25 Wɔkeka wɔ sum mu a wonni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabowfo.”
他們無光,在黑暗中摸索, 又使他們東倒西歪,像醉酒的人一樣。

< Hiob 12 >