< Yeremia 48 >

1 Nea ɛfa Moab ho: Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa; wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.
Against Moab thus says the LORD of hosts, the God of Israel; Woe unto Nebo! for it is spoiled: Kiriathaim is confounded and taken: Misgab is confounded and dismayed.
2 Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw; ‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu; afoa no bɛtaa mo.
There shall be no more praise of Moab: in Heshbon they have devised evil against it; come, and let us cut it off from being a nation. Also you shall be cut down, O Madmen; the sword shall pursue you.
3 Muntie osu a efi Horonaim, adesɛe ne ɔsɛe ho su.
A voice of crying shall be from Horonaim, spoiling and great destruction.
4 Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu.
Moab is destroyed; her little ones have caused a cry to be heard.
5 Wɔforo kɔ Luhit, wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ; ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so no wɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho.
For in the going up of Luhith continual weeping shall go up; for in the going down of Horonaim the enemies have heard a cry of destruction.
6 Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa. Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so.
Flee, save your lives, and be like the heath in the wilderness.
7 Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti, mo nso wɔbɛfa mo nnommum, na Kemos bɛkɔ nnommum mu, ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo.
For because you have trusted in your works and in your treasures, you shall also be taken: and Chemosh shall go forth into captivity with his priests and his princes together.
8 Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa, na mu biara rennya ne ho ntetew. Wɔbɛsɛe obon no na wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no, efisɛ Awurade akasa.
And the spoiler shall come upon every city, and no city shall escape: the valley also shall perish, and the plain shall be destroyed, as the LORD has spoken.
9 Momfa nkyene nhyɛ Moab, efisɛ wɔrebɛsɛe no; ne nkurow bɛda mpan a obiara rentena mu.
Give wings unto Moab, that it may flee and get away: for the cities thereof shall be desolate, without any to dwell therein.
10 “Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho! Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu!
Cursed be he that does the work of the LORD deceitfully, and cursed be he that keeps back his sword from blood.
11 “Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu, te sɛ nsa ase puw a ataa dinn, wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu, ɔnkɔɔ nnommum mu da. Enti ɔte sɛ nea ɔte ara, na ne ho hua nsakrae ɛ.
Moab has been at ease from his youth, and he has settled on his sediments of wine, and has not been emptied from vessel to vessel, neither has he gone into captivity: therefore his taste remained in him, and his scent is not changed.
12 Nanso nna bi reba,” Awurade na ose, “a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu, na wobehwie no agu; wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee na wɔabobɔ ne nkuruwa.
Therefore, behold, the days come, says the LORD, that I will send unto him wanderers, that shall cause him to wander, and shall empty his vessels, and break their bottles.
13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu, sɛnea Israelfi anim guu ase bere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no.
And Moab shall be ashamed of Chemosh, as the house of Israel was ashamed of Bethel their confidence.
14 “Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima, mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’?
How say all of you, We are mighty and strong men for the war?
15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa; wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,” nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no se ni.
Moab is spoiled, and gone up out of her cities, and his chosen young men are gone down to the slaughter, says the King, whose name is the LORD of hosts.
16 “Moab asehwe abɛn; nʼamanehunu bɛba ntɛm.
The calamity of Moab is near to come, and his affliction hastes fast.
17 Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa, ne mo a munim ne din nyinaa; monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yi ɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’
All you that are about him, lament for him; and all you that know his name, say, How is the strong staff broken, and the beautiful rod!
18 “Fi wʼanuonyam mu, na bɛtena asase wosee no so, wo a wote Dibon Babea, efisɛ nea ɔsɛe Moab no betu aba wo so abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no.
You daughter that do inhabit Dibon, come down from your glory, and sit in thirst; for the spoiler of Moab shall come upon you, and he shall destroy your strong holds.
19 Gyina kwankyɛn na hwɛ, wo a wote Aroer. Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi, bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’
O inhabitant of Aroer, stand by the way, and monitor; ask him that flees, and her that escapes, and say, What is done?
20 Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa; muntwa adwo na monteɛteɛ mu! Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho se wɔasɛe Moab.
Moab is confounded; for it is broken down: wail and cry; tell all of you it in Arnon, that Moab is spoiled,
21 Atemmu aba bepɔw tamaa so wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,
And judgment has come upon the plain country; upon Holon, and upon Jahazah, and upon Mephaath,
22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
And upon Dibon, and upon Nebo, and upon Bethdiblathaim,
23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon
And upon Kiriathaim, and upon Bethgamul, and upon Bethmeon,
24 ne Keriot ne Bosra wɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn.
And upon Kerioth, and upon Bozrah, and upon all the cities of the land of Moab, far or near.
25 Wɔatwa Moab mmɛn; na ne basa abu,” Awurade na ose.
The horn of Moab is cut off, and his arm is broken, says the LORD.
26 “Momma no mmow nsa, efisɛ wabu Awurade animtiaa. Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu; momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw.
Make all of you him drunken: for he magnified himself against the LORD: Moab also shall wallow in his vomit, and he also shall be in derision.
27 Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw? Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana, a enti mowosow mo ti animtiaabu so bere biara a mobɛka ne ho asɛm?
For was not Israel a derision unto you? was he found among thieves? for since you spoke of him, you skipped for joy.
28 Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu, mo a motete Moab. Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuw wɔ ɔbodan ano.
O all of you that dwell in Moab, leave the cities, and dwell in the rock, and be like the dove that makes her nest in the sides of the hole's mouth.
29 “Yɛate Moab ahantan no nʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso; nʼahantan ne nʼahomaso, ne ne koma mu ahohoahoa.
We have heard the pride of Moab, (he is exceeding proud) his loftiness, and his arrogancy, and his pride, and the haughtiness of his heart.
30 Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,” Awurade na ose, “na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
I know his wrath, says the LORD; but it shall not be so; his lies shall not so effect it.
31 Enti mitwa adwo ma Moab, misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa, midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
Therefore will I wail for Moab, and I will cry out for all Moab; mine heart shall mourn for the men of Kirheres.
32 Misu ma mo sɛnea Yaser su, mo Sibma bobe. Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ; koduu Yaser po ho. Ɔsɛefo no abegu mo nnuaba a abere ne mo bobe no so.
O vine of Sibmah, I will weep for you with the weeping of Jazer: your plants are gone over the sea, they reach even to the sea of Jazer: the spoiler is fallen upon your summer fruits and upon your vintage.
33 Ahosɛpɛw ne anigye atu afi Moab nnuaba nturo ne mfuw so. Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so; obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so. Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de, nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu.
And joy and gladness is taken from the plentiful field, and from the land of Moab, and I have caused wine to fail from the winepresses: none shall tread with shouting; their shouting shall be no shouting.
34 “Wɔn su ano den gyigye fi Hesbon kɔ Eleale ne Yahas, fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya, mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow.
From the cry of Heshbon even unto Elealeh, and even unto Jahaz, have they uttered their voice, from Zoar even unto Horonaim, as an heifer of three years old: for the waters also of Nimrim shall be desolate.
35 Moab mu, mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuam a wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,” Awurade, na ose.
Moreover I will cause to cease in Moab, says the LORD, him that offers in the high places, and him that burns incense to his gods.
36 “Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab; esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset. Ahonyade a wɔpɛe no kɔ.
Therefore mine heart shall sound for Moab like pipes, and mine heart shall sound like pipes for the men of Kirheres: because the riches that he has got are perished.
37 Wɔabɔ eti biara tikwaw na wɔayi abogyesɛ biara; nsa nyinaa ho ayɛ akamakam na atweaatam sisi obiara asen.
For every head shall be bald, and every beard clipped: upon all the hands shall be cuttings, and upon the loins sackcloth.
38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi ne ɔmanfo aguabɔbea nyinaa; biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow, efisɛ mabubu Moab ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,” Awurade na ose.
There shall be lamentation generally upon all the housetops of Moab, and in the streets thereof: for I have broken Moab like a vessel wherein is no pleasure, says the LORD.
39 “Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo! Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi! Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw, ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”
They shall wail, saying, How is it broken down! how has Moab turned the back with shame! so shall Moab be a derision and a dismaying to all them about him.
40 Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam. Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so.
For thus says the LORD; Behold, he shall fly as an eagle, and shall spread his wings over Moab.
41 Wɔbɛfa Keriot nnommum na wɔafa nʼabandennen no. Saa da no Moab dɔmmarima koma betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
Kerioth is taken, and the strong holds are surprised, and the mighty men's hearts in Moab at that day shall be as the heart of a woman in her pangs.
42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio, efisɛ obuu Awurade animtiaa.
And Moab shall be destroyed from being a people, because he has magnified himself against the LORD.
43 Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo, Moabfo,” Awurade na ose.
Fear, and the pit, and the snare, shall be upon you, O inhabitant of Moab, says the LORD.
44 “Nea oguan nea ɛyɛ hu no bɛtɔ nkonomoa mu, nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu no afide beyi no; na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,” Awurade na ose.
He that flees from the fear shall fall into the pit; and he that gets up out of the pit shall be taken in the snare: for I will bring upon it, even upon Moab, the year of their visitation, says the LORD.
45 “Hesbon nwini ase na aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara, efisɛ ogya bi atu afi Hesbon; ogyaframa bi fi Sihon mfimfini; ɛhyew Moab moma, ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa.
They that fled stood under the shadow of Heshbon because of the force: but a fire shall come forth out of Heshbon, and a flame from the midst of Sihon, and shall devour the corner of Moab, and the crown of the head of the tumultuous ones.
46 Nnome nka wo, wo Moab! Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no; wɔde wo mmabarima kɔ nnommum mu na wo mmabea nso kɔ nkoasom mu.
Woe be unto you, O Moab! the people of Chemosh perishes: for your sons are taken captives, and your daughters captives.
47 “Nanso mede Moab adenya bɛsan ama no wɔ nna a ɛbɛba no mu,” Awurade na ose. Moab atemmu no awiei ni.
Yet will I bring again the captivity of Moab in the latter days, says the LORD. Thus far is the judgment of Moab.

< Yeremia 48 >