< Yeremia 43 >

1 Bere a Yeremia wiee nsɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn no ka no, biribiara a Awurade asoma no sɛ ɔmmɛka nkyerɛ wɔn no, 2 Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia se, “Woredi atoro! Awurade, yɛn Nyankopɔn, nsomaa wo se bɛka se, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’ 3 Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyigye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafo nsa, sɛnea wobekum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.” 4 Enti Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yuda asase so no so. 5 Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa de Yuda nkae a wofi amanaman a wɔbɔɔ wɔn ahwete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔe. 6 Wɔde mmarima, mmea, mmofra ne ɔhene mmabea a ɔsahene Nebusaradan, a ɔyɛ ɔhene awɛmfo panyin no, de wɔn gyaw Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena, odiyifo Yeremia ne Neria babarima Baruk nso kɔe. 7 Enti wɔhyɛn Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wokoduu Tapanhes. 8 Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes se, 9 “Bere a Yudafo no rehwɛ no, fa abo akɛse, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛwee a ɛwɔ Farao ahemfi a ɛwɔ Tapanhes abobow ano hɔ, na fa gu mu kata so. 10 Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mɛsoma me somfo Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahengua besi saa abo a masi wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛw nʼadehye kyinii mu wɔ so. 11 Ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so, na obekum wɔn a wɔahyɛ sɛ wonkum wɔn no, ɔbɛfa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommum mu no nnommum, na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma afoa no, wɔde wɔn bɛma afoa. 12 Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu gya, ahyew na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛnea oguanhwɛfo de nʼatade kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafi hɔ akɔ a ne ho baabiara renti. 13 Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, obebubu nʼafadum kronkron no, na wahyew Misraim anyame asɔredan no dwerɛbee.’”

< Yeremia 43 >