< Yeremia 41 >

1 Ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehye a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfo no mu baako no ne mmarima du baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Bere a wɔn nyinaa gu so redidi no,
Men i den syvende måned kom Jisjmael, Elisjamas søn Netanjas søn, en mand af kongelig Æt, der hørte til Kongens Stormænd, fulgt af ti Mænd til Gedalja, Ahikams Søn, i Mizpa; og de holdt Måltid sammen der i Mizpa.
2 Netania babarima Ismael ne ne mmarima du no a wɔka ne ho no sɔree na wɔde afoa wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nena ne nea Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so no kum no.
Jisjmael, Netanjas Søn, og de ti Mænd, der fulgte ham, stod da op og huggede Gedalja, Sjafans Søn Ahikams Søn, ned med Sværdet og dræbte således den Mand, Babels Konge havde sat over Landet;
3 Ismael kum Yudafo a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafo a na wɔwɔ hɔ no nso.
også alle de Judæere, som var hos ham i Mizpa, og alle de Kaldæere, som fandtes der, alle Krigerne huggede Jisjmael ned.
4 Ade kyee no, ansa na obiara bɛte Gedalia wu no,
Dagen efter Gedaljas Mord, endnu før nogen kendte dertil,
5 mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn abogyesɛ, asunsuane wɔn ntade mu na wɔasesa wɔn honam ani fi Sekem, Silo ne Samaria bae a wɔde aduan afɔrebɔde ne nnuhuam reba Awurade fi.
kom firsindstyve Mænd fra Sikem, Silo og Samaria med afklippet Skæg, sønderrevne Klæder og Flænger i Huden; de havde Afgrødeoffer og Røgelse med til at ofre i HERRENs Hus"
6 Netania babarima Ismael de agyaadwo fi Mispa kohyiaa wɔn. Bere a ohyiaa wɔn no ɔkae se, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.”
Jisjmael, Netanjas Søn, gik dem i Møde fra Mizpa og græd hele Vejen, og da han traf dem, sagde han: "Kom med til Gedalja, Ahikams Søn!"
7 Woduu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kum wɔn na wɔtow wɔn afunu guu abura bi mu.
Men da de var kommet ind i Byen, huggede Jisjmael og hans Mænd dem ned og kastede dem i Cisternen.
8 Nanso nnipa no mu du ka kyerɛɛ Ismael se, “Nkum yɛn! Yɛwɔ awi ne atoko, ngo ne ɛwo a yɛde asie wɔ afuw bi mu.” Enti ogyaa wɔn na wankum wɔn nso.
Men der var ti Mænd iblandt dem, som sagde til Jisjmael: "Dræb os ikke, thi vi har skjulte Forråd på Marken, Hvede, Byg, Olie og Honning." Så lod han dem være og dræbte dem ikke med de andre.
9 Abura a Ismael tow nnipa a okunkum wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ nea ɔhene Asa tuu sɛ ne ho bammɔ fa bi de tiaa Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.
Cisternen, hvori Jisjmael kastede Ligene af alle dem, han havde hugget ned, var den store Cisterne, Kong Asa havde bygget i Kampen mod Kong Basja af Israel; den fyldte Jisjmael, Netanjas Søn, med dræbte.
10 Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmabea ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa, wɔn a Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na osii mu kɔɔ Amonfo nkyɛn.
Derpå bortførte Jisjmael som Fanger hele Resten af Folket i Mizpa, Kongedøtrene og hele Folket, der var ladt tilbage i Mizpa, og over hvem Livvagts øverste Nebuzaradan havde sat Gedalja, Ahikams Søn; dem bortførte Jisjmael, Netanjas Søn, som Fanger og gav sig på Vej til Ammoniterne.
11 Bere a Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adi no,
Men da Johanan, Kareas Søn, og alle de Hærførere, som var hos ham, hørte om al den Ulykke, Jisjmael, Netanjas Søn, havde gjort,
12 wɔfaa wɔn asraafo nyinaa sɛ wɔne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtare kɛse bi a ɛwɔ Gibeon ho.
tog de alle deres Mænd og drog imod ham, og de traf ham ved den store Dam i Gibeon;
13 Bere a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no, wɔn ani gyei.
og da alt Folket, der var hos Jisjmael, så Johanan, Kareas Søn og alle Hærførerne, der var med ham, blev de glade;
14 Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dan kɔɔ Karea babarima Yohanan afa.
og alt Folket, som Jisjmael havde ført fanget fra Mizpa, vendte om og gik over til Johanan, Kareas Søn.
15 Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe, guan fii Yohanan anim kɔɔ Amonfo nkyɛn.
Men Jisjmael Netanjas Søn, slap fra Johanan med otte Mand og drog til Ammoniterne.
16 Afei Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no dii Mispa nkae a ogyee wɔn fii Netania babarima Ismael nsam bere a okum Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafo, mmea, mmofra ne asennii adwumayɛfo, fii Gibeon bae.
Johanan, Kareas Søn, og alle Hærførerne, der var med ham, tog derpå hele Resten af Folket, som Jisjmael, Netanjas Søn, efter at have myrdet Gedalja, Ahikams Søn, havde ført bort fra Mizpa, de Mænd, Krigere, Kvinder, Børn og Hofmænd, som han bragte tilbage fra Gibeon,
17 Wosii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛɛ wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem;
og de drog hen og slog sig ned i Gidrot-Kimham i BetlehemsNabolag for at drage til Ægypten.
18 na wɔreguan Babiloniafo no. Na wosuro wɔn, efisɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.
af Frygt for Kaldæerne; thi de frygtede dem, fordi Jisjmael, Netanjas Søn, havde dræbt Gedalja, Ahikams Søn, som Babels Konge havde sat over Landet.

< Yeremia 41 >