< Yesaia 57 >

1 Atreneefo wu, na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu; wɔfa nyamesurofo kɔ, na obiara nte ase sɛ wɔfa atreneefo kɔ sɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu. 2 Wɔn a wɔnantew tee no wɔhyɛn asomdwoe mu; wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo. 3 “Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma, mo nguaman ne mmea nguamanfo mma! 4 Hena na moreserew no? Hena na moredi ne ho fɛw na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatewfo fekuw ne atorofo asefo ana? 5 Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mu ne dua biara a adennan ase; mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mu ne abotan mpaapae ase. 6 Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn so na mode aduan afɔrebɔde ama wɔn. Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana? 7 Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre. 8 Mo apon ne apongua akyi na mo de mo abosonsom nsɛsode asisi. Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama, mokɔdaa so na motrɛw mu; mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu. 9 Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhuam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri; mosian kɔɔ ɔda mu ankasa! (Sheol h7585) 10 Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ, nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’ Mopɛɛ ahoɔden foforo enti moantɔ piti. 11 “Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛ a enti moanni me nokware, na moankae me anaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi? So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no nti na munsuro me no ana? 12 Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi, na so remma mo mfaso. 13 Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, home kɛkɛ bɛfa wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea no bedi asase no so na wafa me bepɔw kronkron no.” 14 Na wɔbɛka se: “Monyɛ, monyɛ, munsiesie ɔkwan no! Munyiyi akwanside mfi me nkurɔfo akwan mu.” 15 Na oyi ne nea ɔkorɔn no, nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se: “Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom, na makanyan ne koma a abubu no. 16 Meremmɔ sobo afebɔɔ, na me bo remfuw daa, sɛ anyɛ saa a onipa honhom bɛtɔ beraw wɔ mʼanim, onipa ahome a me na mabɔ no. 17 Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii; metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani, nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ. 18 Mahu ne nneyɛe, nanso mɛsa no yare. Mɛkyerɛ no kwan na makyekye ne werɛ, 19 na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano. Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” sɛɛ na Awurade se. “Na mɛsa wɔn yare.” 20 Na amumɔyɛfo te sɛ po a ɛrehuru, entumi nyɛ komm, nʼasorɔkye yiyi dontori ne fi. 21 “Amumɔyɛfo nni asomdwoe.” Sɛɛ na me Nyankopɔn se.

< Yesaia 57 >