< Yesaia 35 >

1 Nweatam ne asase a awo no ani begye; sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm. Te sɛ nhwiren no, 2 ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu, wɔde Lebanon anuonyam bɛma no Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wobehu Awurade anuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no. 3 Hyɛ nsa a emu agow no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den; 4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se, “Monhyɛ mo ho den, na munnsuro; mo Nyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a efi ɔsoro bɛba abegye mo nkwa.” 5 Ɛno na wobebue anifuraefo ani, na wɔama asotifo aso ate asɛm. 6 Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu. Nsu betue wɔ sare so, na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so. 7 Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare, na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi. 8 Na ɔtempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan. Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so; amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so. 9 Gyata biara rentena hɔ, na akekaboa biara rensi so; wɔrenhu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so, 10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw. Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso, na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.

< Yesaia 35 >