< Yesaia 25 >

1 Awurade, wo ne me Nyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, efisɛ wufi nokwaredi mu, ayɛ anwonwade bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete. 2 Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw, kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe; ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio. 3 Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam. 4 Woayɛ ahiafo guankɔbea, ohiani mmɔborɔni guankɔbea, ahum ano ahintawee ɔhyew mu nwini na atirimɔdenfo home te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu 5 ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so. Wobrɛ ananafo huuyɛ ase; sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no, saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae. 6 Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna; nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa. 7 Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no; 8 Ɔbɛmene owu afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa ani so nusu nyinaa. Obeyi ne nkurɔfo ahohora, afi nsase nyinaa so. Awurade, na waka. 9 Saa da no, wɔbɛka se, “Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni; yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn; Awurade no ni, yegyee no dii; momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.” 10 Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so; nanso obetiatia Moab so te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina. 11 Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so, sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho. 12 Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu, obebubu agu fam ama ayɛ mfutuma.

< Yesaia 25 >