< Yesaia 15 >

1 Adehu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab Da koro anadwo bi, wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab da koro anadwo bi! 2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa. 3 Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wosu. 4 Hesbon ne Eleale teɛ mu su, wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ. Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su, na wɔbotobotow. 5 Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu; nʼaguanfo guan kodu Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim kwan so nso wodi wɔn sɛe ho awerɛhow. 6 Nimrim nsuwansuwa ayoyow na sare no ahyew afifide nyinaa ayera na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono. 7 Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kotwa mpampuro bon. 8 Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so; wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim. 9 Dimon nsu ayɛ mogya nko ara nanso mɛkɔ so ne no adi gyata bɛba Moab aguanfo so ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.

< Yesaia 15 >