< Yesaia 13 >

1 Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni: 2 Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi, teɛ mu frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu. 3 Mahyɛ mʼahotewfo; mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi, wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi. 4 Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so te sɛ dɔm kɛse bi de! Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko. 5 Wofifi akyirikyiri aman so, wofifi ɔsoro ahye so, Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew; bɛsɛe ɔman no nyinaa. 6 Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no. 7 Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo, obiara koma bɛbotow. 8 Wɔbɛbɔ hu, ɔyaw ne apinisi bekita wɔn; wobebubu wɔn mu te sɛ ɔbea a awo aka no. Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ gya. 9 Hwɛ, Awurade da no reba da bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefo a wɔte so no. 10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn. Sum beduru owia a ɛrepue na ɔsram nso renhyerɛn. 11 Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti, ne amumɔyɛfo wɔ wɔn nnebɔne ho. Metwa ahantanfo ahomaso so mɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase. 12 Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasa ɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ. 13 Enti mɛma ɔsoro awosow; na asase ahinhim wɔ ne sibea wɔ Asafo Awurade abufuwhyew ano nʼabufuwhyewda no. 14 Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo, obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu, obiara beguan akɔ nʼasase so. 15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano. 16 Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa. 17 Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. 18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam; wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra. 19 Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa, anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho no Onyankopɔn bɛdan abutuw te sɛ Sodom ne Gomora. 20 Nnipa rentena hɔ bio awo ntoatoaso nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ. 21 Nanso sare so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma; hɔ na mpatu bɛtena, hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru. 22 Mpataku bɛtena nʼabandennen mu, adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma. Ne bere aso, na wɔrentwe ne nna mu.

< Yesaia 13 >