< Yesaia 12 >

1 Saa da no, wobɛka se: “Mɛkamfo wo, Awurade! Ɛwɔ mu wo bo fuw me de, nanso afei wʼabufuw ano adwo. Na woakyekye me werɛ. 2 Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto no so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagye.” 3 Wode anigye bɛsaw nsu afi nkwagye mmura mu. 4 Saa da no wobɛka se, “Da Awurade ase, bɔ ne din ma amanaman nhu nea wayɛ, na pae mu ka se wɔama ne din so. 5 To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree. Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa. 6 Momma mo nne so nto dwom anigye so mo a mowɔ Sion, efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

< Yesaia 12 >