< Yesaia 10 >

1 Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba, 2 de siw ahiafo ahofadi ho kwan, de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden. Wɔma akunafo yɛ amanehunufo na wɔbɔ ayisaa korɔn. 3 Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no, bere a amanehunu fi akyirikyiri reba? Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mubegyaw mo ahode? 4 Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu anaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro. 5 “Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa, nea okura mʼabufuwhyew pema no! 6 Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde, na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so. 7 Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu; ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei. 8 Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana? 9 Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko ana? 10 Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so, ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no. 11 Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni, sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’” 12 Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho. 13 Efisɛ ɔka se, “‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi, na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee aman aman ahye, mefow wɔn ademude; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran. 14 Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no, saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so; sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no, saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’” 15 Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow, anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana? Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so, anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua! 16 Afei Awurade, Asafo Awurade, de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no; ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw te sɛ gyaframa. 17 Israel Hann no bɛdan ogya. Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw; ɔde da koro bɛhyew na wasɛe ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse. 18 Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn. 19 Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi a abofra betumi akyerɛ ne dodow. 20 Da no, Israel nkae, Yakob fifo a wɔbɛka no, remfa wɔn ho nto no so bio nea ɔbɔɔ wɔn hwee fam no; na mmom wɔde wɔn ho bɛto Awurade so nokware mu, Israel Kronkronni no. 21 Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi bɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn. 22 Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de, nanso nkae bi pɛ na wɔbɛsan. Wɔahyɛ ɔsɛe ho mmara dennen a ebebunkam so na ɛteɛ. 23 Awurade, Asafo Awurade de ɔsɛe a wɔahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa. 24 Enti sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se, “Me nkurɔfo a mote Sion, munnsuro Asiriafo no, wɔn a wɔde mmaa hwe mo na wɔma kontibaa so tia mo, sɛnea Misraim yɛe no. 25 Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwo na mʼanibere bɛkɔ wɔn sɛe so.” 26 Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn, sɛnea ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; na ɔbɛteɛ ne pema wɔ nsu no so, sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraim no. 27 Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati so wɔn konnua afi wo kɔn mu; wobubu konnua no efisɛ woayɛ ɔbran yiye. 28 Wɔhyɛn Ayat; wɔfa Migron; na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas. 29 Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se, “Yɛbɛwɛn wɔ Geba anadwo yi.” Rama ho popo; Saulo kurow Gibea nso guan. 30 Teɛ mu, Galim Babea! Tie, Laisa! Anatot Mmɔborɔni! 31 Madmena reguan; Gebimfo kɔtetɛw. 32 Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob; wobehim wɔn nsa wɔ Ɔbabea Sion bepɔw no so, wɔ Yerusalem koko no so. 33 Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no, ɔde tumi kɛse betwitwa dua mman no. Wobebubu nnua atenten no agu fam nea ɛwowaree no bɛba fam. 34 Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu fam Lebanon bɛhwe ase wɔ Ɔkɛse no anim.

< Yesaia 10 >