< Yesaia 1 >

1 Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.
The vision of Isaiah the son of Amoz, which he saw concerning Judah and Jerusalem in the days of Uzziah, Jotham, Ahaz, and Hezekiah, kings of Judah.
2 Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matetew mma ama wɔanyinyin, nanso wɔatew me so atua.
Hear, O heavens, and give ear, O earth: for the LORD has spoken, I have nourished and brought up children, and they have rebelled against me.
3 Nantwi nim ne wura, afurum nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfo nte ase.”
The ox knows his owner, and the ass his master’s crib: but Israel does not know, my people does not consider.
4 Nnome nka, amumɔyɛ man, ɔman a wɔn afɔdi so, nnebɔneyɛfo kuw, mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho; wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
Ah sinful nation, a people laden with iniquity, a seed of evildoers, children that are corrupters: they have forsaken the LORD, they have provoked the Holy One of Israel to anger, they are gone away backward.
5 Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn nti na moda so tew atua? Wɔapira mo ti, na mo koma nso di yaw.
Why should you be stricken any more? you will revolt more and more: the whole head is sick, and the whole heart faint.
6 Efi mo nan ase kosi mo ti so, ahomeka biara nni mu, apirakuru ne ahonhon nko ara akuru a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.
From the sole of the foot even to the head there is no soundness in it; but wounds, and bruises, and putrefying sores: they have not been closed, neither bound up, neither mollified with ointment.
7 Mo man ada mpan, wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn; ananafo regye mo mfuw a mo ani tua, na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.
Your country is desolate, your cities are burned with fire: your land, strangers devour it in your presence, and it is desolate, as overthrown by strangers.
8 Wɔagyaw Ɔbabea Sion te sɛ bobeturo mu sese te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu, te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.
And the daughter of Zion is left as a cottage in a vineyard, as a lodge in a garden of cucumbers, as a besieged city.
9 Sɛ Asafo Awurade annyaw yɛn asefo a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.
Except the LORD of hosts had left to us a very small remnant, we should have been as Sodom, and we should have been like to Gomorrah.
10 Muntie Awurade asɛm, mo Sodom sodifo; muntie yɛn Nyankopɔn mmara, mo Gomorafo!
Hear the word of the LORD, you rulers of Sodom; give ear to the law of our God, you people of Gomorrah.
11 “Mo afɔrebɔ ahorow bebree no, dɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛnea Awurade se ni. “Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so, nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade; mʼani nnye anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.
To what purpose is the multitude of your sacrifices to me? says the LORD: I am full of the burnt offerings of rams, and the fat of fed beasts; and I delight not in the blood of bullocks, or of lambs, or of he goats.
12 Sɛ moba mʼanim a hena na obisa eyi fi mo hɔ, sɛ mutiatia me fi yi?
When you come to appear before me, who has required this at your hand, to tread my courts?
13 Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no! Mo aduhuam yɛ me tan. Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow, mo nhyiamu hunu no afono me.
Bring no more vain oblations; incense is an abomination to me; the new moons and sabbaths, the calling of assemblies, I cannot away with; it is iniquity, even the solemn meeting.
14 Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ, me kra kyi. Ayɛ adesoa ama me; masoa abrɛ.
Your new moons and your appointed feasts my soul hates: they are a trouble to me; I am weary to bear them.
15 Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a, meyi mʼani ato nkyɛn. Sɛ mobɔ mpae bebree mpo a merentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi.
And when you spread forth your hands, I will hide my eyes from you: yes, when you make many prayers, I will not hear: your hands are full of blood.
16 “Munnwira mo ho na mo ho ntew. Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so! Munnyae bɔneyɛ,
Wash you, make you clean; put away the evil of your doings from before my eyes; cease to do evil;
17 Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee. Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran Munni mma ayisaa, monka akunafo nsɛm mma wɔn.
Learn to do well; seek judgment, relieve the oppressed, judge the fatherless, plead for the widow.
18 “Afei mommra na yennwen mmɔ mu,” sɛnea Awurade se ni. “Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.
Come now, and let us reason together, says the LORD: though your sins be as scarlet, they shall be as white as snow; though they be red like crimson, they shall be as wool.
19 Sɛ mopene so na moyɛ osetie a, mubedi asase no so nnepa.
If you be willing and obedient, you shall eat the good of the land:
20 Na sɛ moampene na motew atua a, afoa bedi mo nam.” Awurade na wakasa.
But if you refuse and rebel, you shall be devoured with the sword: for the mouth of the LORD has spoken it.
21 Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo no adan oguamanfo. Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no ma na anka trenee te ne mu, nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma!
How is the faithful city become an harlot! it was full of judgment; righteousness lodged in it; but now murderers.
22 Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso, wɔde nsu afra wo nsa papa mu.
Your silver is become dross, your wine mixed with water:
23 Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.
Your princes are rebellious, and companions of thieves: every one loves gifts, and follows after rewards: they judge not the fatherless, neither does the cause of the widow come to them.
24 Enti, Awurade, Asafo Awurade, nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se, “Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔ na matɔ wɔn so were.
Therefore says the LORD, the LORD of hosts, the mighty One of Israel, Ah, I will ease me of my adversaries, and avenge me of my enemies:
25 Mɛma me nsa so, atia mo; mɛhohoro mo ho fi korakora na mayi mo ho nkekae nyinaa.
And I will turn my hand on you, and purely purge away your dross, and take away all your tin:
26 Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no, ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no. Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ wo Kuropɔn Trenee, Kuropɔn Nokwafo.”
And I will restore your judges as at the first, and your counsellors as at the beginning: afterward you shall be called, The city of righteousness, the faithful city.
27 Wɔde atɛntrenee begye Sion bio, na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.
Zion shall be redeemed with judgment, and her converts with righteousness.
28 Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu, na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.
And the destruction of the transgressors and of the sinners shall be together, and they that forsake the LORD shall be consumed.
29 “Mo ani bewu, esiane odum anyame a munyaa wɔn mu anigye no; wobegu mo anim ase, esiane nturo a mosom abosom wɔ mu no nti.
For they shall be ashamed of the oaks which you have desired, and you shall be confounded for the gardens that you have chosen.
30 Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo, ne turo a ennya nsu.
For you shall be as an oak whose leaf fades, and as a garden that has no water.
31 Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛm nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw; abien no bɛhyew abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”
And the strong shall be as wick, and the maker of it as a spark, and they shall both burn together, and none shall quench them.

< Yesaia 1 >