< Hosea 6 >

1 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn. Watetew yɛn mu asinasin nanso ɔbɛsa yɛn yare. Wapirapira yɛn nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru. 2 Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. 3 Momma yennye Awurade nto mu; momma yɛnkɔ so nnye no nto mu. Sɛnea owia pue da biara no, obepue; ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.” 4 “Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim? Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda? Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera. 5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin, mede mʼanom nsɛm kunkum mo; mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam. 6 Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre. 7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe. Wɔanni me nokware wɔ hɔ. 8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn a mogya anammɔn akeka hɔ. 9 Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no saa ara na asɔfokuw no nso yɛ; wodi awu wɔ Sekem tempɔn so, yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase. 10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi. Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu Israel gu ne ho fi. 11 “Na wo Yuda nso, wɔahyɛ otwa bere ama wo. “Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,

< Hosea 6 >