< Hosea 4 >

1 Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so. 2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, akrɔmmɔ, ne aguamammɔ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoatoaso. 3 Eyi nti asase no di awerɛhow na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu; wuram mmoa, wim nnomaa ne po mu nam rewuwu. 4 “Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo. Na mmom, mo asɔfo mo na me ne mo anya. 5 Muhintiw awia ne anadwo, na adiyifo no ne mo hintiw. Ɛno nti mɛsɛe mo man. 6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ nti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo; sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti, me nso mabu mʼani agu mo mma so. 7 Asɔfo no redɔɔso no na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase. 8 Wodidi me nkurɔfo bɔne ho ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho. 9 Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te. Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan ho na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka. 10 “Wobedidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe, efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ, de wɔn ho ama 11 aguamammɔ, nsa dedaw ne foforo, a ɛma me nkurɔfo 12 ntease tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuae. Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan; wonni wɔn Nyankopɔn nokware. 13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so: odum, duafufu ne odupɔn ase, nea onwini yɛ fɔmm hɔ. Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo. 14 “Merentwe mo mmabea aso sɛ wɔadan aguamammɔfo, anaa mo nsemmea aso sɛ wɔasɛe aware. Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara. Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo fa ayɔnko. Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu! 15 “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na mforo nkɔ Bet-Awen. Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’ 16 Israelfo yɛ asoɔdenfo te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea? 17 Efraim de ne ho abɔ ahoni ho; Gyaa no! 18 Sɛ wɔn nsa sa koraa a, wɔtoa wɔn aguamammɔ so; wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye. 19 Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ, na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.

< Hosea 4 >