< 1 Mose 50 >

1 Yosef tow ne ho hwee nʼagya so suu no, na ofew nʼano.
Joseph fell on his father’s face, wept on him, and kissed him.
2 Ɛno akyi no, Yosef maa ne duruyɛfo bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuru, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti oduruyɛfo no hyɛɛ no akyenkyennuru.
Joseph commanded his servants, the physicians, to embalm his father; and the physicians embalmed Israel.
3 Wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ Israel akyenkyennuru no, efisɛ saa nna dodow no na ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ no aduru no. Misraimfo suu no nnafua aduɔson.
Forty days were used for him, for that is how many days it takes to embalm. The Egyptians wept for Israel for seventy days.
4 Wosuu no wiee no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fifo se, “Sɛ manya mo anim anuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me se,
When the days of weeping for him were past, Joseph spoke to Pharaoh’s staff, saying, “If now I have found favour in your eyes, please speak in the ears of Pharaoh, saying,
5 ‘Mʼagya ma mekaa ntam,’ na ɔkae se: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti sɛ miwu a, ɔboda a mʼankasa mitwaa wɔ Kanaan asase so no mu na munkosie me. ‘Enti momma me kwan mma minkosie mʼagya, na mɛsan aba.’”
‘My father made me swear, saying, “Behold, I am dying. Bury me in my grave which I have dug for myself in the land of Canaan.” Now therefore, please let me go up and bury my father, and I will come again.’”
6 Farao penee akwansrɛ no so, kae se, “Kɔ na kosie wʼagya, sɛnea ɔmaa wo kaa no ntam no.”
Pharaoh said, “Go up, and bury your father, just like he made you swear.”
7 Enti Yosef kɔ kosiee nʼagya. Farao asomfo nyinaa ne ne mpanyimfo ne nʼatenankongua ne Misraim nnipa titiriw nyinaa kogyaa Yosef ayi
Joseph went up to bury his father; and with him went up all the servants of Pharaoh, the elders of his house, all the elders of the land of Egypt,
8 kaa Yosef fifo nyinaa a ne nuabarimanom ne nʼagya fifo no ho. Wɔn mma ne wɔn nguan ne wɔn anantwi nko ara na wogyaw wɔn wɔ Gosen asase so hɔ.
all the house of Joseph, his brothers, and his father’s house. Only their little ones, their flocks, and their herds, they left in the land of Goshen.
9 Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nso kaa wɔn ho kɔɔ ayi no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔe.
Both chariots and horsemen went up with him. It was a very great company.
10 Woduu Atad a ne nkyerɛase ne baabi a wɔpo atoko, a ɛbɛn Asubɔnten Yordan no, wɔde nnanson twaa agyaadwo, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛse wɔ hɔ.
They came to the threshing floor of Atad, which is beyond the Jordan, and there they lamented with a very great and severe lamentation. He mourned for his father seven days.
11 Bere a Kanaanfo a na wɔte asase no so huu sɛnea wosi yɛɛ ayi no wɔ Atad no, wɔkae se, “Eyi yɛ ayi kɛse bi a Misraimfo ayɛ.” Ɛno nti, Kanaanfo a wɔte asase no so no too hɔ din Abel-Misraim, a ne nkyerɛase ne Misraimfo reyɛ ayi kɛse.
When the inhabitants of the land, the Canaanites, saw the mourning in the floor of Atad, they said, “This is a grievous mourning by the Egyptians.” Therefore its name was called Abel Mizraim, which is beyond the Jordan.
12 Enti Yakob mmabarima no yɛɛ sɛnea wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
His sons did to him just as he commanded them,
13 Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kosiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuw a na Abraham atɔ afi Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusiei no mu.
for his sons carried him into the land of Canaan, and buried him in the cave of the field of Machpelah, which Abraham bought with the field, as a possession for a burial site, from Ephron the Hittite, near Mamre.
14 Yosef siee nʼagya wiee no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wokogyaa no ayi no nyinaa san baa Misraim.
Joseph returned into Egypt—he, and his brothers, and all that went up with him to bury his father, after he had buried his father.
15 Yosef agya wu akyi no, ne nuanom no de ehu ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Sɛ ɛba sɛ Yosef da so wɔ yɛn ho menasepɔw, na otua yɛn bɔne ahorow a yɛayɛ no nyinaa so ka a, na yɛreyɛ no dɛn?”
When Joseph’s brothers saw that their father was dead, they said, “It may be that Joseph will hate us, and will fully pay us back for all the evil which we did to him.”
16 Enti wotuu nnipa kɔɔ Yosef hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Wʼagya kaa saa asɛm yi ansa na ɔrewu.
They sent a message to Joseph, saying, “Your father commanded before he died, saying,
17 ‘Asɛm yi na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ Yosef: Mesrɛ wo, fa bɔne ahorow a wo nuanom ayɛ wo no nyinaa kyɛ wɔn.’ Enti afei mesrɛ wo, fa Onyankopɔn a wʼagya som no no nkoa bɔne kyɛ wɔn.” Bere a Yosef tee asɛm a ne nuanom no kae no, osui.
‘You shall tell Joseph, “Now please forgive the disobedience of your brothers, and their sin, because they did evil to you.”’ Now, please forgive the disobedience of the servants of the God of your father.” Joseph wept when they spoke to him.
18 Yosef nuabarimanom no bɛtotow wɔn ho guguu nʼanim, kae se, “Yɛyɛ wo nkoa.”
His brothers also went and fell down before his face; and they said, “Behold, we are your servants.”
19 Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a metumi abu mo atɛn, atwe mo aso ana?
Joseph said to them, “Don’t be afraid, for am I in the place of God?
20 Ɛwɔ mu sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne de, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdan ade pa, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi agye nnipa dodow nkwa, sɛnea ɔreyɛ no nnɛ yi.
As for you, you meant evil against me, but God meant it for good, to save many people alive, as is happening today.
21 Enti munnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ehia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.
Now therefore don’t be afraid. I will provide for you and your little ones.” He comforted them, and spoke kindly to them.
22 Yosef ankasa ne ne nuanom ne nʼagya abusuafo nyinaa tenaa Misraim asase so. Odii mfe ɔha ne du ansa na ɔrewu.
Joseph lived in Egypt, he, and his father’s house. Joseph lived one hundred and ten years.
23 Yosef huu Efraim mma nena ne Manase ba Makir mma nso. Wɔwoo wɔn guu ne srɛ so.
Joseph saw Ephraim’s children to the third generation. The children also of Machir, the son of Manasseh, were born on Joseph’s knees.
24 Na, Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Ɛrenkyɛ biara na mawu. Nanso Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afi saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.”
Joseph said to his brothers, “I am dying, but God will surely visit you, and bring you up out of this land to the land which he swore to Abraham, to Isaac, and to Jacob.”
25 Yosef maa Israel mmabarima no kaa ntam, na Yosef kae se, “Nokware, Onyankopɔn bedi aboa mo. Sɛ miwu nso a, monsoa me nnompe mfi ha nkɔ Kanaan asase so.”
Joseph took an oath from the children of Israel, saying, “God will surely visit you, and you shall carry up my bones from here.”
26 Yosef dii mfe ɔha ne du, na owui. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuru de no too funnaka mu wɔ Misraim.
So Joseph died, being one hundred and ten years old, and they embalmed him, and he was put in a coffin in Egypt.

< 1 Mose 50 >