< 1 Mose 38 >

1 Saa bere no mu ara na Yuda tu fii ne nuabarimanom no nkyɛn ne Adulamni barima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenae. 2 Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no. 3 Sua babea no nyinsɛn woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Er. 4 Sua babea no san nyinsɛn woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abofra no din Onan. 5 Sua babea no nyinsɛn ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso wɔtoo no din Sela. 6 Bere a Yuda abakan Er nyin no, wɔwaree ababaa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no. 7 Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumɔyɛfo wɔ Awurade anim no nti, Awurade kum no. 8 Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.” 9 Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmofra no renyɛ nʼankasa mma nti, sɛ ɔne okunafo Tamar kɔda a, ɔmma ne ho nsu no ngu ɔbea no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufo no de. 10 Esiane sɛ nea ɔyɛe no ansɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufo no nti, okum ɔno nso. 11 Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se, “Tu na kɔtena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu kɔtenaa nʼagya fi hɔ. 12 Mmere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua babea no nso wui. Bere a woyii Yuda fii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nguanhotwitwafo nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔe. 13 Obi bɛbɔɔ Tamar amanneɛ se, “Wʼase Yuda rebɛsen akɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.” 14 Enti Tamar yii ne kuna ntade no guu hɔ. Ɔfaa nkataanim kataa nʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so. Efisɛ ohuu sɛ Sela anyin de, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mma ɔmmɛwaree no ɛ. 15 Bere a Yuda huu Tamar no, na osusuw sɛ ɔyɛ ɔbea guamanfo bi, efisɛ na wakata nʼanim. 16 Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ kwankyɛn hɔ a, na onnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ mprempren ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no se, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me dɛn?” 17 Yuda buae se, “Mɛma wɔde ɔpapo afi me nguankuw no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio se, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, dɛn na wode bedi wo ho akagyinamu?” 18 Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?” Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee. 19 Tamar fii hɔ akyi no, okoyii ne nkataanim no guu hɔ, san faa ne kunatam no furae. 20 Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbea no, na onnye nneɛma a ɔde dii ne ho akagyinamu no mmrɛ no, nanso wanhu no. 21 Obisaa kurom hɔfo no se, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbea guamanfo a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wobuaa no se, “Yenni hyiadan mu ɔbea guamanfo biara wɔ ha.” 22 Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo biara nni ha.’” 23 Yuda nso kae se, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛserew yɛn. Wo ara wudi ho adanse sɛ memaa wode ɔpapo no kɔe, nanso woanhu no.” 24 Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.” 25 Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abekum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda se, “Onipa a ne nneɛma ni no na ɔne me nyinsɛnee. Monhwɛ sɛ mubehu onipa ko a saa nsa so kaa ne ne hama ne pema yi yɛ ne de no ana.” 26 Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio. 27 Tamar awo duu so no, ɔwoo nta. 28 Bere a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii kan bae. Enti ɔbea a ɔregye no awo no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abofra no bakɔn, kae se, “Oyi na wɔwoo no kan.” 29 Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres. 30 Akyiri no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsakɔn no. Wɔtoo ɔno nso din Serah.

< 1 Mose 38 >