< 1 Mose 33 >

1 Yakob maa nʼani so na ohuu sɛ Esau ne ne mmarima ahannan a wɔka ne ho no fi akyirikyiri reba. Enti ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfo baanu no. 2 Ɔmaa asomfo no ne wɔn mma dii kan. Lea ne ne mma nso dii hɔ; na Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyi. 3 Yakob de, odii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mpɛn ason. 4 Esau tuu mmirika kohyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, few nʼano. Na wɔn baanu nyinaa sui. 5 Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.” 6 Na Yakob asomfo ne wɔn mma twiw bɛn Esau bɛkotow no. 7 Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotow no. Na Yosef ne ne na Rahel nso ba bɛkotow no. 8 Esau bisae se, “Nguan ne anantwi ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso ase ne dɛn?” Yakob buae se, “Me wura, ɛyɛ akyɛde a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim anuonyam.” 9 Nanso Esau buaa no se, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti fa nea wode rebrɛ me yi ka wo de ho.” 10 Yakob kae se, “Dabi, sɛ woagye me fɛw so de a, mesrɛ wo, gye akyɛde a mede rebrɛ wo yi. Nokware ni, esiane sɛ wugyee me ɔdɔ so nti, mihuu wʼanim no, na ayɛ me sɛnea mahu Onyankopɔn anim. 11 Mesrɛ wo, gye mʼakyɛde a mede rebrɛ wo yi, efisɛ Awurade adom me ama mayɛ ɔdefo.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ onnye nʼakyɛde no nti, Esau gyei. 12 Na Esau kae se, “Ma yɛnkɔ. Yebedi mo anim ne mo akɔ.” 13 Nanso Yakob buaa no se, “Me wura ankasa nim sɛ mmofra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwi ne nguan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn brɛoo. Sɛ meka wɔn so da koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bewuwu. 14 Enti me wura, di yɛn kan na yɛne nyɛmmoa no bedi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.” 15 Enti Esau kae se, “Ɛno de, ma minnyaw me mmarima no bi mma wo.” Yakob kae se, “Adɛn na woyɛ saa? Me wura, ma minya wʼanim anuonyam kɛkɛ.” 16 Enti da no ara, Esau san nʼakyi kɔɔ Seir. 17 Nanso Yakob de, ɔkɔɔ Sukot kosisii ne ntamadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenae. Ɛno nti na wɔfrɛ saa beae hɔ Sukot, a ne nkyerɛase ne Asese no. 18 Yakob fii Paddan-Aram no, okoduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu asomdwoe mu. 19 Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no dwetɛ mpɔw ɔha fii Sekem agya Hamormma nkyɛn. 20 Wosii afɔremuka wɔ hɔ, too saa afɔremuka no din El-Elohe-Israel, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn Afɔremuka.

< 1 Mose 33 >