< 1 Mose 32 >

1 Yakob nso toaa nʼakwantu no so. Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.
Jacob went on his way, and the angels of God met him.
2 Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.
When he saw them, Jacob said, "This is God's camp." He called the name of that place Mahanaim.
3 Yakob somaa abɔfo dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.
Jacob sent messengers ahead of him to Esau, his brother, to the land of Seir, the region of Edom.
4 Nkra a ɔde maa wɔn ni: “Monka nkyerɛ me wura Esau se, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔho ara de besi nnɛ yi.
He commanded them, saying, "This is what you shall tell my lord, Esau: 'This is what your servant, Jacob, says. I have lived as a foreigner with Laban, and stayed until now.
5 Nnɛ de, mewɔ anantwi ne mfurum, nguan ne mmirekyi, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfo yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo se, mereba. Mewɔ anidaso nso sɛ, menya wʼanim anuonyam ama woagye me fɛw so.’”
I have cattle, donkeys, flocks, male servants, and female servants. I have sent to tell my lord, that I may find favor in your sight.'"
6 Asomafo no san baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ose ɔreba abehyia wo, na mmarima ahannan na wɔka ne ho reba.”
The messengers returned to Jacob, saying, "We came to your brother Esau. Not only that, but he comes to meet you, and four hundred men with him."
7 Yakob de ehu ne awerɛhow kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuw abien.
Then Jacob was very afraid and was distressed. He divided the people who were with him, and the flocks, and the herds, and the camels, into two camps;
8 Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ ɛba sɛ Esau ne ne dɔm no ba bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a ɛto so abien no betumi aguan.”
and he said, "If Esau comes to the one camp, and strikes it, then the other camp will escape."
9 Na Yakob bɔɔ Awurade mpae se, “Ao, Awurade Nyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak som wo, Awurade a woka kyerɛɛ me se, ‘San kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefo.’
Jacob said, "God of my father Abraham, and God of my father Isaac, who said to me, 'Return to your country, and to your relatives, and I will do you good,'
10 Wʼadɔe a wode ayɛ me ne nokware a woadi wʼakoa no mu kakraa bi mpo, mfata me. Da a mifii fie kotwaa Asubɔnten Yordan no, na me pema nko ara na mikurae, nanso nnɛ, me na mikura dɔm ahorow abien yi.
I am not worthy of the least of all the loving kindnesses and of all the faithfulness which you have shown to your servant; for with just my staff I passed over this Jordan, and now I have become two camps.
11 Mesrɛ wo, gye me fi me nua Esau nsam. Misuro sɛ ɔbɛtow ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so.
Please deliver me from the hand of my brother, from the hand of Esau: for I fear that he will come and attack me and the mothers with the children.
12 Nanso wo na woahyɛ me bɔ se, ‘Nokware mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan.’”
You said, 'I will surely do you good and make your descendants as the sand of the sea, which can't be counted because there are so many.'"
13 Saa da no, ɔdaa hɔ. Na oyii nʼagyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma ne nua Esau.
So he spent the night there and selected from what he had acquired a present for his brother Esau:
14 Nneɛma no ni: Mmirekyibere ahannu, mpapo aduonu, nguanmmere ahannu, adwennini aduonu.
two hundred female goats and twenty male goats, two hundred ewes and twenty rams,
15 Yomabere aduasa ne wɔn mma, anantwibere aduanan, anantwinini du, mfurummmere aduonu, mfurumnini du.
thirty milk camels with their young, forty cows, ten bulls, twenty female donkeys and ten male donkeys.
16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.”
He entrusted them into the hands of his servants as separate herds, and said to his servants, "Pass over before me, and keep some distance between the herds."
17 Yakob san ka kyerɛɛ nʼasomfo a wodi kan no se, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na obisa mo se, ‘Hena asomfo ne mo, mufi he na morekɔ he na hena mmoa na mode wɔn nam yi a?’
He instructed the first, saying, "When Esau my brother meets you and asks you, saying, 'Whose are you? Where are you going? Whose are these ahead of you?'
18 Monka nkyerɛ no se, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob de. Ne nyinaa yɛ akyɛde a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyi reba.’”
Then you shall say, 'They are your servant, Jacob's. It is a present sent to my lord Esau. And look, he also is behind us.'"
19 Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔto so abien, abiɛsa ne wɔn a wodidi so a wɔde mmoa no rekɔ no se, “Sɛ muhyia Esau a, monka saa asɛm koro no ara nkyerɛ no. Monka nka ho se,
He instructed also the second, and the third, and all that followed the herds, saying, "This is how you are to speak to Esau, when you find him.
20 ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.”
You shall say, 'Not only that, but look, your servant Jacob is behind us.'" For, he said, "I will appease him with the present that goes before me, and afterward I will meet him. Perhaps he will accept me."
21 Enti wɔde Yakob akyɛde ahorow no dii kan kɔe. Na ɔno ankasa de, ɔdaa nʼatenae hɔ anadwo no.
So the gift passed over before him, and he himself stayed that night in the camp.
22 Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwabea hɔ.
He got up that night and took his two wives, and his two female servants, and his eleven sons and crossed over the ford of the Jabbok.
23 Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wiee no, ɔsan bɛfaa nʼagyapade a aka nyinaa de twaa asu no.
He took them and sent them across the stream, and sent over all his possessions.
24 Enti ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenae hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentamee ara kosii adekyee wɛɛ.
Then Jacob was left alone. And a man wrestled with him until the rising of the dawn.
25 Bere a ɔbarima a ɔne no tentamee no huu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku ma ehuanee.
When he saw that he did not defeat him, he struck the socket of his hip, and Jacob's hip was dislocated as he wrestled with him.
26 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob se, “Ade akye nti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso Yakob buaa no se, “Sɛ woanhyira me a, meremma wo nkɔ.”
Then he said, "Let me go, for the dawn is breaking." But Jacob said, "I won't let you go unless you bless me."
27 Ɔbarima no bisaa Yakob se, “Wo din de dɛn?” Obuae se, “Me din de Yakob.”
And he said to him, "What is your name?" He said, "Jacob."
28 Ɔbarima no kae se, “Efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel. Efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nipa atentam, na woadi nkonim.”
Then he said, "Your name will no longer be called Jacob, but Israel, because you have struggled with God and with men and have prevailed."
29 Yakob bisae se, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo dɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no se, “Adɛn nti na worebisa me din?” Na ohyiraa Yakob wɔ hɔ.
Then Jacob asked him, "Please tell me your name." But he said, "Why is it that you ask what my name is?" And he blessed him there.
30 Ɛmaa Yakob too beae hɔ din Peniel, a ne nkyerɛase ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkae se, “Mahu Onyankopɔn anikann, nanso meda so te nkwa mu.”
So Jacob called the name of the place Peniel: "For I have seen God face to face, and my life has been preserved."
31 Yakob refi Penuel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahuan no nti, na ɔka ne nan mu.
The sun rose on him as he passed by Peniel, and he limped because of his hip.
32 Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Israelfo nwe aboa dwonku koraa sɛ nkae ade no; efisɛ saa ntin kɛse a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentamee no bɔe, maa dwonku no huanee no.
Therefore, to this day the children of Israel do not eat the tendon of the hip socket, because he struck Jacob's hip socket near that tendon.

< 1 Mose 32 >