< 1 Mose 27 >

1 Isak bɔɔ akwakoraa a nʼani so ayɛ no wusiwusi na onhu ade papa no, da koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panyin Esau. “Me ba.” Na Esau gyee so se, “Agya, mini.”
And it came to pass, that when Isaac was old, and his eyes were dim, so that he could not see, he called Esau his eldest son, and said unto him, My son: and he said unto him, Behold, [here am] I.
2 Isak kae se, “Mprempren mabɔ akwakoraa, na minnim da a mewu.
And he said, Behold now, I am old, I know not the day of my death:
3 Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wuram kɔhwehwɛ hanam bi brɛ me.
Now therefore take, I pray thee, thy weapons, thy quiver and thy bow, and go out to the field, and take me [some] venison;
4 Fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo ansa na mawu.”
And make me savoury meat, such as I love, and bring [it] to me, that I may eat; that my soul may bless thee before I die.
5 Bere a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti bere a Esau kɔɔ sɛ ɔrekokum nam no aba pɛ, na
And Rebekah heard when Isaac spake to Esau his son. And Esau went to the field to hunt [for] venison, [and] to bring [it].
6 Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob se, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau se,
And Rebekah spake unto Jacob her son, saying, Behold, I heard thy father speak unto Esau thy brother, saying,
7 ‘Kɔhwehwɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduan no bi brɛ me, na minni, na minhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’
Bring me venison, and make me savoury meat, that I may eat, and bless thee before the LORD before my death.
8 Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye, na di so.
Now therefore, my son, obey my voice according to that which I command thee.
9 Kɔ nguankuw no mu, na kɔkyere nguan abien a wɔadodɔ srade brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduan, sɛnea wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no.
Go now to the flock, and fetch me from thence two good kids of the goats; and I will make them savoury meat for thy father, such as he loveth:
10 Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na onni, na onhyira wo ansa na wawu.”
And thou shalt bring [it] to thy father, that he may eat, and that he may bless thee before his death.
11 Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka se, “Wunim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ trontrom.
And Jacob said to Rebekah his mother, Behold, Esau my brother [is] a hairy man, and I [am] a smooth man:
12 Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ohu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sen sɛ anka obehyira me.”
My father peradventure will feel me, and I shall seem to him as a deceiver; and I shall bring a curse upon me, and not a blessing.
13 Yakob ne na ka kyerɛɛ no se, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo de, yɛ nea maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nguan no brɛ me.”
And his mother said unto him, Upon me [be] thy curse, my son: only obey my voice, and go fetch me [them].
14 Enti Yakob tiee ne na Rebeka asɛm, kɔkyeree nguan no brɛɛ no. Na okum wɔn, de noaa akɔnnɔduan bi, sɛnea Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ.
And he went, and fetched, and brought [them] to his mother: and his mother made savoury meat, such as his father loved.
15 Ɛno akyi no, Rebeka faa ne ba panyin Esau atade papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛe.
And Rebekah took goodly raiment of her eldest son Esau, which [were] with her in the house, and put them upon Jacob her younger son:
16 Afei, ɔde nguan a wokum wɔn no nhoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa.
And she put the skins of the kids of the goats upon his hands, and upon the smooth of his neck:
17 Ɔde brodo a wato no foforo kaa akɔnnɔduan a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.
And she gave the savoury meat and the bread, which she had prepared, into the hand of her son Jacob.
18 Yakob de aduan no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Oduu hɔ no, ɔkae se, “Agya!” Isak buae se, “Mewɔ hɔ na ɛyɛ hena?”
And he came unto his father, and said, My father: and he said, Here [am] I; who [art] thou, my son?
19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ nea woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduan no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wudidi wie a, woahyira me.”
And Jacob said unto his father, I [am] Esau thy firstborn; I have done according as thou badest me: arise, I pray thee, sit and eat of my venison, that thy soul may bless me.
20 Isak bisaa ne ba no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buae se, “Awurade, wo Nyankopɔn no, na ogyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”
And Isaac said unto his son, How [is it] that thou hast found [it] so quickly, my son? And he said, Because the LORD thy God brought [it] to me.
21 Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, twiw bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa ana.”
And Isaac said unto Jacob, Come near, I pray thee, that I may feel thee, my son, whether thou [be] my very son Esau or not.
22 Yakob twiw bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kae se, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau de.”
And Jacob went near unto Isaac his father; and he felt him, and said, The voice [is] Jacob’s voice, but the hands [are] the hands of Esau.
23 Isak anhu sɛ ɛyɛ Yakob, efisɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ohyiraa no.
And he discerned him not, because his hands were hairy, as his brother Esau’s hands: so he blessed him.
24 Isak san bisaa Yakob se, “Enti ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?” Yakob buae se, “Yiw, me ne Esau.”
And he said, [Art] thou my very son Esau? And he said, I [am].
25 Afei, Isak kae se, “Me ba, fa wʼaduan no brɛ me na minni, na midi wie a, mahyira wo.” Yakob de aduan no brɛɛ nʼagya Isak, na odii; ɔsan de nsa brɛɛ no maa ɔnomee.
And he said, Bring [it] near to me, and I will eat of my son’s venison, that my soul may bless thee. And he brought [it] near to him, and he did eat: and he brought him wine, and he drank.
26 Isak wiee no, ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba, bra befew mʼano!”
And his father Isaac said unto him, Come near now, and kiss me, my son.
27 Enti Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kofew nʼano. Bere a Isak huam Yakob atade mu, na ogye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ohyiraa no se, “Ampa ara! Me ba ho hua te sɛ hua a efi afuw a Awurade ahyira so no mu.
And he came near, and kissed him: and he smelled the smell of his raiment, and blessed him, and said, See, the smell of my son [is] as the smell of a field which the LORD hath blessed:
28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosu ne asase mu srade, na afum aduan ne nsa mmu wo so.
Therefore God give thee of the dew of heaven, and the fatness of the earth, and plenty of corn and wine:
29 Amanaman bɛsom wo, na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe. Wubedi wo nuanom so, na wo na mma nso akotow wo. Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa, na wɔn a wohyira wo nyinaa nso, wobehyira wɔn.”
Let people serve thee, and nations bow down to thee: be lord over thy brethren, and let thy mother’s sons bow down to thee: cursed [be] every one that curseth thee, and blessed [be] he that blesseth thee.
30 Isak hyiraa Yakob wiei, na ofii nʼagya nkyɛn kɔe ara pɛ, na ne nua Esau fi nʼahayɛ bae.
And it came to pass, as soon as Isaac had made an end of blessing Jacob, and Jacob was yet scarce gone out from the presence of Isaac his father, that Esau his brother came in from his hunting.
31 Ɔno nso noaa akɔnnɔduan brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no se, “Agya, sɔre na di me hanam aduan no, na hyira me.”
And he also had made savoury meat, and brought it unto his father, and said unto his father, Let my father arise, and eat of his son’s venison, that thy soul may bless me.
32 Nʼagya Isak bisaa no se, “Na hena ni?” Esau buae se, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.”
And Isaac his father said unto him, Who [art] thou? And he said, I [am] thy son, thy firstborn Esau.
33 Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho fii ase wosow biribiribiri, na obisae se, “Ɛno de, na hena na ɔkɔɔ ahayɛ kokum nam de noaa aduan brɛɛ me yi. Mididi wie hyiraa onipa ko no pɛ na wobaa yi. Nokware ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesan mʼano a, ɛrenyɛ yiye!”
And Isaac trembled very exceedingly, and said, Who? where [is] he that hath taken venison, and brought [it] me, and I have eaten of all before thou camest, and have blessed him? yea, [and] he shall be blessed.
34 Bere a Esau tee asɛm a nʼagya kae no, ɔno nso de awerɛhow teɛɛ mu denneennen, ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”
And when Esau heard the words of his father, he cried with a great and exceeding bitter cry, and said unto his father, Bless me, [even] me also, O my father.
35 Nanso Isak kae se, “Ɛno de, na wo nua na ɔde nnaadaa abegye wo nhyira kɔ!”
And he said, Thy brother came with subtilty, and hath taken away thy blessing.
36 Esau kae se, “Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a ase kyerɛ nantintwitwafo. Eyi ne ne mprenu so a wadaadaa me. Nea edi kan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panyin. Nea ɛto so abien nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya se, “Enti woannyaw me nhyira no bi a wode behyira me nso?”
And he said, Is not he rightly named Jacob? for he hath supplanted me these two times: he took away my birthright; and, behold, now he hath taken away my blessing. And he said, Hast thou not reserved a blessing for me?
37 Isak buaa Esau se, “Manya de no ayɛ wo wura dedaw. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, obenya afum nnuan ne nsa foforo bebree. Na afei, dɛn bio na aka a metumi ayɛ ama wo, me ba?”
And Isaac answered and said unto Esau, Behold, I have made him thy lord, and all his brethren have I given to him for servants; and with corn and wine have I sustained him: and what shall I do now unto thee, my son?
38 Esau bisaa nʼagya se, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Agya, hyira me nso bi!”
And Esau said unto his father, Hast thou but one blessing, my father? bless me, [even] me also, O my father. And Esau lifted up his voice, and wept.
39 Afei, nʼagya Isak buaa no se, “Tie! Asase kesee so na wobɛtena, na ɔsoro bosu rentɔ wɔ so.
And Isaac his father answered and said unto him, Behold, thy dwelling shall be the fatness of the earth, and of the dew of heaven from above;
40 Wode wo afoa na ɛbɛtena ase, na woasom wo nua kumaa. Nanso daakye bi, sɛ wokanyan wo ho a, wubefi wo nua no som ase.”
And by thy sword shalt thou live, and shalt serve thy brother; and it shall come to pass when thou shalt have the dominion, that thou shalt break his yoke from off thy neck.
41 Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyee no nti, Esau tan Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim se, “Ɛrenkyɛ, na mʼagya Isak awu. Sɛ owu a, mekum me nua Yakob.”
And Esau hated Jacob because of the blessing wherewith his father blessed him: and Esau said in his heart, The days of mourning for my father are at hand; then will I slay my brother Jacob.
42 Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn na Rebeka amanneɛ. Enti Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no se, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ onya wo a, obekum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
And these words of Esau her elder son were told to Rebekah: and she sent and called Jacob her younger son, and said unto him, Behold, thy brother Esau, as touching thee, doth comfort himself, [purposing] to kill thee.
43 Enti me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yiye. Guan ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.
Now therefore, my son, obey my voice; and arise, flee thou to Laban my brother to Haran;
44 Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kosi sɛ wo nua Esau bo bedwo.
And tarry with him a few days, until thy brother’s fury turn away;
45 Sɛ wo nua koma tɔ ne yam, na ne werɛ fi nea woyɛɛ no, na ogyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafi Haran aba. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bɔ mu wu da koro?”
Until thy brother’s anger turn away from thee, and he forget [that] which thou hast done to him: then I will send, and fetch thee from thence: why should I be deprived also of you both in one day?
46 Enti Rebeka ka kyerɛɛ Isak se, “Saa Hetifo mmabaa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifo asase so mmabaa yi bi a, mmea a wɔte sɛ eyinom bi a, ɛno de, na miwuu koraa a, anka eye.”
And Rebekah said to Isaac, I am weary of my life because of the daughters of Heth: if Jacob take a wife of the daughters of Heth, such as these [which are] of the daughters of the land, what good shall my life do me?

< 1 Mose 27 >