+ 1 Mose 1 >

1 Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.
In the beginning, God created the heavens and the earth.
2 Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.
The earth was without form and empty. Darkness was upon the surface of the deep. The Spirit of God was moving above the surface of the waters.
3 Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann.
God said, “Let there be light,” and there was light.
4 Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho.
God saw the light, that it was good. He divided the light from the darkness.
5 Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.
God called the light “day,” and the darkness he called “night.” This was evening and morning, the first day.
6 Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.”
God said, “Let there be an expanse between the waters, and let it divide the waters from the waters.”
7 Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.
God made the expanse and divided the waters which were under the expanse from the waters which were above the expanse. It was so.
8 Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien.
God called the expanse “sky.” This was evening and morning, the second day.
9 Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa.
God said, “Let the waters under the sky be gathered together to one place, and let the dry land appear.” It was so.
10 Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye.
God called the dry land “earth,” and the gathered waters he called “seas.” He saw that it was good.
11 Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
God said, “Let the earth sprout vegetation: plants yielding seed and fruit trees bearing fruit whose seed is in the fruit, each according to its own kind.” It was so.
12 Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye.
The earth produced vegetation, plants producing seed after their kind, and trees bearing fruit whose seed was in it, after their kind. God saw that it was good.
13 Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa.
This was evening and morning, the third day.
14 Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe,
God said, “Let there be lights in the sky to divide the day from the night and let them be as signs, for seasons, for days and years.
15 na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
Let them be lights in the sky to give light upon the earth.” It was so.
16 Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso.
God made the two great lights, the greater light to rule the day, and the lesser light to rule the night. He made the stars also.
17 Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so,
God set them in the sky to give light upon the earth,
18 na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
to rule over the day and over the night, and to divide the light from the darkness. God saw that it was good.
19 Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no.
This was evening and morning, the fourth day.
20 Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.”
God said, “Let the waters be filled with great numbers of living creatures, and let birds fly above the earth in the expanse of the sky.”
21 Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
God created the great sea creatures, as well as every living creature after its kind, creatures that move and which fill the waters everywhere, and every winged bird after its kind. God saw that it was good.
22 Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.”
God blessed them, saying, “Be fruitful and multiply, and fill the waters in the seas. Let birds multiply on the earth.”
23 Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no.
This was evening and morning, the fifth day.
24 Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
God said, “Let the earth produce living creatures, each according to its own kind, livestock, creeping things, and beasts of the earth, each according to its own kind.” It was so.
25 Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahorow, anantwi ahorow ne wɔn sɛso ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
God made the beasts of the earth after their kind, the livestock after their kinds, and everything that creeps upon the ground after its kind. He saw that it was good.
26 Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.”
God said, “Let us make man in our image, after our likeness. Let them have dominion over the fish of the sea, over the birds of the sky, over the livestock, over all the earth, and over every creeping thing that creeps on the earth.”
27 Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso; Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.
God created man in his own image. In his own image he created him. Male and female he created them.
28 Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.”
God blessed them and said to them, “Be fruitful, and multiply. Fill the earth, and subdue it. Have dominion over the fish of the sea, over the birds of the sky, and over every living thing that moves upon the earth.”
29 Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan.
God said, “See, I have given you every plant yielding seed which is upon the surface of all the earth, and every tree with fruit which has seed in it. They will be food to you.
30 Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa.
To every beast of the earth, to every bird of the heavens, and to everything that creeps upon the earth, and to every creature that has the breath of life I have given every green plant for food.” It was so.
31 Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu sɛ ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia.
God saw everything that he had made. Behold, it was very good. This was evening and morning, the sixth day.

+ 1 Mose 1 >