< Ɛsra 2 >

1 Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 2 Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni: 3 Dodow a wɔyɛ Paros asefo 2,172 4 Sefatia asefo 372 5 Arah asefo 775 6 Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812 7 Elam asefo 1,254 8 Satu asefo 945 9 Sakai asefo dodow yɛ 760 10 Bani asefo dodow yɛ 642 11 Bebai asefo dodow yɛ 623 12 Asgad asefo dodow yɛ 1,222 13 Adonikam asefo dodow yɛ 666 14 Bigwai asefo dodow yɛ 2,056 15 Adin asefo dodow yɛ 454 16 Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98 17 Besai asefo dodow yɛ 323 18 Yora asefo dodow yɛ 112 19 Hasum asefo dodow yɛ 223 20 Gibar asefo dodow yɛ 95 21 Betlehemfo dodow yɛ 123 22 Netofafo dodow yɛ 56 23 Anatotfo dodow yɛ 128 24 Asmawetfo dodow yɛ 42 25 Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743 26 Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621 27 Mikmasfo dodow yɛ 122 28 Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223 29 Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52 30 Magbis ɔman dodow yɛ 156 31 Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254 32 Harim ɔmanmma dodow yɛ 320 33 Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725 34 Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345 35 Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630 36 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973 37 Imer asefo dodow yɛ 1,052 38 Pashur asefo dodow yɛ 1,247 39 Harim asefo dodow yɛ 1,017 40 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74 41 Nnwontofo: Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ 128 42 Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo Akub, Hatita ne Sobai asefo 139 43 Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot, 44 Keros, Siaha, Padon, 45 Lebana, Hagaba, Akub, 46 Hagab, Samlai, Hanan, 47 Gidel, Gahar, Reaia, 48 Resin, Nekoda, Gasam, 49 Usa, Paseah, Besai, 50 Asna, Meunim, Nefisi, 51 Bakbuk, Hakufa, Harhur, 52 Baslut, Mehida, Harsa, 53 Barkos, Sisera, Tema, 54 Nesia ne Hatifa. 55 Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda, 56 Yaala, Darkon, Gidel, 57 Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami. 58 Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362 59 Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne: 60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652 61 Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) 62 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 63 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade. 64 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia, 65 a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason nka ho, ne nnwontofo ahannu a wɔyɛ mmarima ne mmea. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia, mfurum ahannu aduanan anum, 67 yoma ahannan aduasa anum ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu kaa wɔn ho kɔe. 68 Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. 69 Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako, dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum na asɔfotade ɔha a wɔde bɛma asɔfo. 70 Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.

< Ɛsra 2 >