< Ɛsra 1 >

1 Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, Awurade kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. 2 Sɛnea Persiahene Kores ka ni: Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. 3 Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsan nkosi saa Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho. 4 Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no. 5 Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma sɛ, wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie Awurade asɔredan no. 6 Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho. 7 Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae. 8 Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa. 9 Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe: sikakɔkɔɔ nsiase 30 dwetɛ nsiase 1,000 dwetɛ ɔhyewsɛn 29 10 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ 30 dwetɛ hweaseammɔ 410 nneɛma a ɛkeka ho 1,000 11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan.

< Ɛsra 1 >