< Hesekiel 48 >

1 “Mmusuakuw no din na edidi so yi: “Dan benya kyɛfa baako wɔ atifi hye so hɔ; ɛbɛfa Hetlon kwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar-Enan ne Damasko atifi fam hye a edi Hamat so no bɛyɛ ɔhye a efi apuei fam kɔ atɔe fam no fa bi.
Und das sind die Namen der Stämme: Vom Ende gen Mitternacht, zur Seite des Weges nach Chethlon, wo man kommt gen Chamath, Chazar Enan an der Grenze von Damask, mitternachtwärts, zur Seite Chamaths von der Ostecke zum Meere ist eins für Dan.
2 Aser benya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
Und an der Grenze Dans von der Ostecke bis zur Ecke meerwärts, hat Ascher eines.
3 Naftali benya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
Und an der Grenze Aschers von der Ostecke bis zur Ecke meerwärts hat Naphthali eines.
4 Manase benya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
Und an der Grenze Naphthalis von der Ostecke bis zur Ecke meerwärts hat Menascheh eines.
5 Efraim benya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
Und an der Grenze Menaschehs von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts hat Ephraim eines.
6 Ruben benya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
Und an der Grenze Ephraims von der Ecke ostwärts und bis zur Ecke meerwärts hat Ruben eines.
7 Yuda benya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
Und an der Grenze Rubens von der Ostecke bis zur Ecke meerwärts hat Jehudah eines.
8 “Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.
Und an der Grenze Jehudahs von der Ostecke bis zur Ecke meerwärts soll die Hebe sein, die ihr heben sollt, fünfundzwanzigtausend in die Breite, und in die Länge wie einer der Teile von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts, und in seiner Mitte sei das Heiligtum.
9 “Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tenten bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne trɛw ayɛ anammɔn mpem dunum.
Die Hebe, die ihr Jehovah hebet, soll in die Länge fünfundzwanzigtausend und in die Breite zehntausend sein.
10 Eyi bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfo no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum ne tenten mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum wɔ atɔe fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum wɔ apuei fam, na anafo fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea.
Und für diese soll die Hebe der Heiligkeit sein den Priestern, gegen Mitternacht fünfundzwanzigtausend und gegen das Meer zehntausend in die Breite, und gegen Osten zehntausend in die Breite, und gegen Mittag in die Länge fünfundzwanzigtausend, und in ihrer Mitte sei Jehovahs Heiligtum.
11 Eyi bɛyɛ Sadokfo asɔfo a wɔayɛ wɔn kronkron no de, wɔn a wodii me nokware som me na wɔannan amfi me nkyɛn sɛnea Lewifo yɛe, bere a Israelfo dan fii me nkyɛn no.
Es soll sein für die Priester, die geheiligt sind von den Söhnen Zadoks, welche die Hut gehütet, die nicht abgeirrt, als die Söhne Israels abirrten, wie die Leviten abgeirrt.
12 Ɛbɛyɛ akyɛde sononko a efi asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifo asase no bɔ hye.
Und eine Hebe von der Hebe des Landes soll ihnen sein, das Heilige des Heiligen bei der Grenze der Leviten.
13 “Asɔfo no asase nkyɛn mu no, Lewifo no benya kyɛfa a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum, na ne trɛw yɛ anammɔn mpem dunum. Ne tenten nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum, na ne trɛw nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum.
Und die Leviten sollen haben der Grenze der Priester entlang fünfundzwanzigtausend in die Länge, und in die Breite zehntausend. Die ganze Länge soll sein fünfundzwanzigtausend und die Breite zehntausend;
14 Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde mu fa biara sesa biribi. Asase no mu nea ɛyɛ papa ni na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ obi foforo nsam, efisɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
Und sollen nichts davon verkaufen noch vertauschen, noch veräußern das Erstling des Landes, denn Heiligkeit ist es dem Jehovah.
15 “Asase a aka a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufo. Wobesisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini
Und die fünftausend, die übrig sind in der Breite vorn an den fünfundzwanzigtausend, sollen gemeines Land sein, für die Stadt zum Wohnen und zum Weichbilde, und die Stadt sei in der Mitte.
16 na ne kɛse bɛyɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum wɔ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
Und das sind ihre Maße: Die Mitternachtseite viertausendfünfhundert, und die Mittagseite viertausendfünfhundert, und die Ostseite viertausendfünfhundert, und die Meerseite viertausendfünfhundert.
17 Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛse bɛyɛ anammɔn ahaasa aduɔson anum wɔ nʼafanan biara.
Und das Weichbild der Stadt soll sein gen Mitternacht zweihundertfünfzig, und gen Mittag zweihundertfünfzig, und gen Osten zweihundertfünfzig, und gegen das Meer zweihundertfünfzig.
18 Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tenten mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum wɔ nʼapuei fam ne nʼatɔe fam. So nnɔbae no na kuropɔn no mu adwumayɛfo bedi.
Und was neben der Hebe des Heiligtums noch übrigbleibt in der Länge entlang der Hebe der Heiligkeit, zehntausend gegen Osten und zehntausend dem Meere zu, und ist entlang der Hebe des Heiligtums, dessen Ertrag sei zum Brot für die, welche der Stadt dienen.
19 Kuropɔn no mu adwumayɛfo a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wofi Israel mmusuakuw nyinaa no mu.
Und die, so in der Stadt dienen, sollen aus allen Stämmen Israels ihr dienen.
20 Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Wubeyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛde sononko.
Die ganze Hebe sei fünfundzwanzigtausend bei fünfundzwanzigtausend; als Geviertes sollt ihr die Hebe des Heiligtums heben zum Eigentum der Stadt.
21 “Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Efi apuei fam a esusuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum no, asase no bɛtrɛw akosi apuei fam hye so, na atɔe fam nso, ɛbɛtrɛw akosi atɔe fam hye so. Nsase abien a ɛne mmusuakuw asase no sa so no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini.
Und das übrige sei für den Fürsten hüben und drüben an der Hebe der Heiligkeit und am Eigentum der Stadt vorn an den fünfundzwanzigtausend der Hebe bis zur Grenze gen Osten und meerwärts, vor den fünfundzwanzigtausend bei der Grenze meerwärts, den Teilen entlang sei für den Fürsten; und die Hebe der Heiligkeit und das Heiligtum des Hauses seien in dessen Mitte.
22 Ɛno nti Lewifo no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahye no ntam.
Und von dem Eigentum der Leviten, vom Eigentum der Stadt, die inmitten dessen sind, das des Fürsten ist, zwischen der Grenze Jehudahs und der Grenze Benjamins, das sei des Fürsten.
23 “Mmusuakuw a aka no, “Benyamin benya kyɛfa baako; ebefi apuei fam akɔ atɔe fam.
Und von den übrigen Stämmen von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts hat Benjamin einen;
24 Simeon benya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
Und an der Grenze Benjamins von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts hat Simeon einen;
25 Isakar benya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
Und an der Grenze Simeons von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts hat Jissaschar einen;
26 Sebulon benya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
Und an der Grenze Jissaschars von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts hat Sebulon einen;
27 Gad benya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
Und an der Grenze Sebuluns von der Ecke ostwärts bis zur Ecke meerwärts hat Gad einen.
28 Gad kyɛfa no hye a ɛda anafo fam no bɛkɔ anafo fam afi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no.
Und an der Grenze Gads auf der Seite gen Mittag südlich sei die Grenze von Thamar bis zum Haderwasser, von Kadesch bis gegen den Bach hin zum großen Meer.
29 “Eyi ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuw no sɛ agyapade, na eyinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfo Awurade asɛm ni.
Dies ist das Land, das ihr als Erbe den Stämmen Israels zufallen lassen sollt, und dies sind ihre Teile, spricht der Herr Jehovah.
30 “Eyinom ne apon a wɔbɛfa mu apue afi kuropɔn no mu: “Efi ase wɔ atifi fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum no,
Und dies sind die Ausgänge der Stadt: von der Ecke der Mitternacht viertausendfünfhundert sei ihr Maß.
31 wɔde Israel mmusuakuw dumien no din bɛtoto kuropɔn apon no. Apon abiɛsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ: Ruben pon, Yuda pon ne Lewi pon.
Und die Tore der Stadt seien nach dem Namen der Stämme Israels: drei Tore gen Mitternacht, ein Tor Ruben, ein Tor Jehudah, ein Tor Levi.
32 Apuei fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum no, wɔde apon abiɛsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
Und auf der Ecke gen Osten viertausendfünfhundert; und drei Tore, und zwar: Tor Joseph eines, Tor Benjamin eines und Tor Dan eines.
33 Anafo fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
Und auf der Mittagseite viertausendfünfhundert das Maß, und drei Tore: Tor Schimeon eines, Tor Jissaschar eines, Tor Sebulun eines.
34 Atɔe fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
Die Seite nach dem Meer viertausendfünfhundert. Ihrer Tore sind drei: ein Tor Gad, ein Tor Ascher, Naphthali ein Tor.
35 “Ɔkwan a etwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tenten yɛ anammɔn mpem aduonu ason. “Na efi saa da no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no se, ‘Awurade Wɔ Hɔ.’”
Ringsum achtzehntausend, und der Name der Stadt sei von dem Tage an Jehovah allda!

< Hesekiel 48 >