< Hesekiel 16 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se
耶和華的話又臨到我說:
2 “Onipa ba, fa akyiwade a Yerusalem yɛ no si nʼanim
「人子啊,你要使耶路撒冷知道她那些可憎的事,
3 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Yerusalem: Wo nkyi ne wʼawo fi Kanaanfo asase so; na wʼagya yɛ Amorini na wo na nso yɛ Hetini.
說主耶和華對耶路撒冷如此說:你根本,你出世,是在迦南地;你父親是亞摩利人,你母親是赫人。
4 Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo sɛ wo ho bɛtew nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntama ankyekyere wo ho.
論到你出世的景況,在你初生的日子沒有為你斷臍帶,也沒有用水洗你,使你潔淨,絲毫沒有撒鹽在你身上,也沒有用布裹你。
5 Obiara anhu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ eyinom biara ama wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, wobuu wo animtiaa.
誰的眼也不可憐你,為你做一件這樣的事憐恤你;但你初生的日子扔在田野,是因你被厭惡。
6 “‘Mibepuee wo so, na mihuu sɛ worewɔ wʼanan na woda mogya mu, na sɛnea na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo se, “Nya nkwa!”
「我從你旁邊經過,見你滾在血中,就對你說:你雖在血中,仍可存活;你雖在血中,仍可存活。
7 Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw.
我使你生長好像田間所長的,你就漸漸長大,以致極其俊美,兩乳成形,頭髮長成,你卻仍然赤身露體。
8 “‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo Awurade na ose.
「我從你旁邊經過,看見你的時候正動愛情,便用衣襟搭在你身上,遮蓋你的赤體;又向你起誓,與你結盟,你就歸於我。這是主耶和華說的。
9 “‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo.
那時我用水洗你,洗淨你身上的血,又用油抹你。
10 Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so.
我也使你身穿繡花衣服,腳穿海狗皮鞋,並用細麻布給你束腰,用絲綢為衣披在你身上,
11 Mede agude siesiee wo, mede nkapo guu wo nsa, mede kɔnmuade too wo kɔn mu,
又用妝飾打扮你,將鐲子戴在你手上,將金鍊戴在你項上。
12 na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ.
我也將環子戴在你鼻子上,將耳環戴在你耳朵上,將華冠戴在你頭上。
13 Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea.
這樣,你就有金銀的妝飾,穿的是細麻衣和絲綢,並繡花衣;吃的是細麵、蜂蜜,並油。你也極其美貌,發達到王后的尊榮。
14 Na wʼahoɔfɛ nti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, efisɛ anuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm ni.
你美貌的名聲傳在列邦中,你十分美貌,是因我加在你身上的威榮。這是主耶和華說的。
15 “‘Nanso wʼahoɔfɛ nti wugyee wo ho dii na wode wo din a ahyeta no bɔɔ aguaman. Wugyaa wo ho maa obiara a ɔretwa mu na woyɛɛ wɔn adɔe.
「只是你仗着自己的美貌,又因你的名聲就行邪淫。你縱情淫亂,使過路的任意而行。
16 Wode wo ntade no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn; hɔ na wokɔbɔɔ aguaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso.
你用衣服為自己在高處結彩,在其上行邪淫。這樣的事將來必沒有,也必不再行了。
17 Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman.
你又將我所給你那華美的金銀、寶器為自己製造人像,與他行邪淫;
18 Wode wo ntade a wɔadi mu adwinni hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhuam brɛɛ wɔn.
又用你的繡花衣服給他披上,並將我的膏油和香料擺在他跟前;
19 Bio aduan a mede maa wo no, esiam papa, ɛwo ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔde a eyi hua. Saa na esii, Otumfo Awurade asɛm ni.
又將我賜給你的食物,就是我賜給你吃的細麵、油,和蜂蜜,都擺在他跟前為馨香的供物。這是主耶和華說的。
20 “‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana?
並且你將給我所生的兒女焚獻給他。
21 Wukum me mma de wɔn bɔɔ afɔre maa ahoni no.
你行淫亂豈是小事,竟將我的兒女殺了,使他們經火歸與他嗎?
22 Akyiwade a woyɛɛ ne wʼaguamammɔ akyi no, woankae wo mmabun bere a na wo ho da hɔ na worewɔ wʼanan wɔ mogya mu no.
你行這一切可憎和淫亂的事,並未追念你幼年赤身露體滾在血中的日子。」
23 “‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfo Awurade na ose. Wʼamumɔyɛ nyinaa akyi no,
「你行這一切惡事之後(主耶和華說:你有禍了!有禍了!)
24 wusii bammɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tenten wɔ aguabɔbea biara.
又為自己建造圓頂花樓,在各街上做了高臺。
25 Borɔn so baabiara wusisii abosonnan atenten, na wosɛe wʼahoɔfɛ efisɛ honam akɔnnɔ bɔne nti wode wo ho maa obiara a ɔretwa mu.
你在一切市口上建造高臺,使你的美貌變為可憎的,又與一切過路的多行淫亂。
26 Wo ne Misraimfo a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ aguaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuw.
你也和你鄰邦放縱情慾的埃及人行淫,加增你的淫亂,惹我發怒。
27 Enti meteɛɛ me nsa wɔ wo so na metew wʼahye so. Mede wo maa wʼatamfo aniberefo, Filistifo mmabea a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwonwa no.
因此我伸手攻擊你,減少你應用的糧食,又將你交給恨你的非利士眾女,使她們任意待你。她們見你的淫行,為你羞恥。
28 Wo ne Asiriafo nso bɔɔ aguaman, efisɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara.
你因貪色無厭,又與亞述人行淫,與他們行淫之後,仍不滿意,
29 Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ aguadifo asase kaa ho, nanso eyi ammee wo ara.
並且多行淫亂,直到那貿易之地,就是迦勒底,你仍不滿意。
30 “‘Wunni ahohyɛso koraa, Otumfo Awurade asɛm ni, sɛ wutumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ oguamanfo a nʼani nwu hwee.
「主耶和華說:你行這一切事,都是不知羞恥妓女所行的,可見你的心是何等懦弱!
31 Wusisii bammɔ pie wɔ mmorɔn so na wusisii abosonnan atenten wɔ aguabɔbea biara, na wonsɛ oguamanfo, efisɛ wopoo akatua.
因你在一切市口上建造圓頂花樓,在各街上做了高臺,你卻藐視賞賜,不像妓女。
32 “‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu!
哎!你這行淫的妻啊,寧肯接外人,不接丈夫。
33 Oguamanfo biara gye akatua, nanso wo de, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfo nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, womfi baabiara mmra wo nkyɛn.
凡妓女是得人贈送,你反倒贈送你所愛的人,賄賂他們從四圍來與你行淫。
34 Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee.
你行淫與別的婦女相反,因為不是人從你行淫;你既贈送人,人並不贈送你;所以你與別的婦女相反。」
35 “‘Enti, wo oguamanfo, tie Awurade asɛm!
「你這妓女啊,要聽耶和華的話。
36 Sɛɛ na Otumfo Awurade se. Esiane sɛ wuhwie wʼahonya gui, na wodaa wʼadagyaw adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfo nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwade na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no nti,
主耶和華如此說:因你的污穢傾洩了,你與你所愛的行淫露出下體,又因你拜一切可憎的偶像,流兒女的血獻給他,
37 merebɛboaboa wʼadɔfo a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afi wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wobehu wʼadagyaw nyinaa.
我就要將你一切相歡相愛的和你一切所恨的都聚集來,從四圍攻擊你;又將你的下體露出,使他們看盡了。
38 Mede asotwe a wɔde ma mmea aguamammɔfo ne mogyahwiegufo no bɛyɛ wʼatemmu. Mede me mogya aweretɔ a efi mʼabufuwhyew ne me ninkutwe abufuw mu bɛba wo so.
我也要審判你,好像官長審判淫婦和流人血的婦女一樣。我因忿怒忌恨,使流血的罪歸到你身上。
39 Afei mede wo bɛma wʼadɔfo na wobebubu bammɔ pie a woahɔre no, asɛe abosonnan atenten no. Wɔbɛpa wo ho ntama, wɔbɛfa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo hɔ adagyaw mu.
我又要將你交在他們手中;他們必拆毀你的圓頂花樓,毀壞你的高臺,剝去你的衣服,奪取你的華美寶器,留下你赤身露體。
40 Wɔde nnipadɔm a wobesiw wo abo na wɔde wɔn afoa atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so.
他們也必帶多人來攻擊你,用石頭打死你,用刀劍刺透你,
41 Wɔbɛhyehyew wʼafi na wɔatwe wʼaso wɔ mmea bebree anim. Metwa wʼaguamammɔ no so na woagyae akatua a wode ma wʼadɔfo no.
用火焚燒你的房屋,在許多婦人眼前向你施行審判。我必使你不再行淫,也不再贈送與人。
42 Afei mʼabufuwhyew ano bedwo na me ninkutwe abufuw no befi wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na me bo remfuw bio.
這樣,我就止息向你發的忿怒,我的忌恨也要離開你,我要安靜不再惱怒。
43 “‘Sɛ woankae wo mmabun nna, na wode eyinom nyinaa hyɛɛ me abufuw nti, ɔkwan biara so mɛma nea woayɛ no abɔ wo ti so, Otumfo Awurade na ose. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwade no ho ana?
因你不追念你幼年的日子,在這一切的事上向我發烈怒,所以我必照你所行的報應在你頭上,你就不再貪淫,行那一切可憎的事。這是主耶和華說的。」
44 “‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.”
「凡說俗語的必用俗語攻擊你,說:『母親怎樣,女兒也怎樣。』
45 Woyɛ wo na a ɔsopaa ne kunu ne ne mma no babea kann, na woyɛ wo nuanom mmea a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea ankasa. Wo na yɛ Hetini na wʼagya yɛ Amorini.
你正是你母親的女兒,厭棄丈夫和兒女;你正是你姊妹的姊妹,厭棄丈夫和兒女。你母親是赫人,你父親是亞摩利人。
46 Na wo nuabea panyin ne Samaria a na ɔne ne mmabea te wʼatifi fam, na wo nuabea kumaa a ɔne ne mmabea te wʼanafo fam, yɛ Sodom.
你的姊姊是撒馬利亞,她和她的眾女住在你左邊;你的妹妹是所多瑪,她和她的眾女住在你右邊。
47 Woannantew wɔn akwan mu, ansua wɔn akyiwadeyɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔwee sen wɔn.
你沒有效法她們的行為,也沒有照她們可憎的事去做,你以那為小事,你一切所行的倒比她們更壞。
48 Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ nea wo ne wo mmabea ayɛ no da.
主耶和華說:我指着我的永生起誓,你妹妹所多瑪與她的眾女尚未行你和你眾女所行的事。
49 “‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo.
看哪,你妹妹所多瑪的罪孽是這樣:她和她的眾女都心驕氣傲,糧食飽足,大享安逸,並沒有扶助困苦和窮乏人的手。
50 Wɔyɛɛ ahomaso ne akyiwade wɔ mʼanim. Ɛno nti miyii wɔn sii nkyɛn sɛnea woahu no.
她們狂傲,在我面前行可憎的事,我看見便將她們除掉。
51 Samaria anyɛ bɔne a woyɛɛ no mu fa. Woayɛ akyiwade a ɛboro nea wo nuabeanom no yɛe no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuabeanom no te, esiane saa nneɛma a woayɛ no nti.
撒馬利亞沒有犯你一半的罪,你行可憎的事比她更多,使你的姊妹因你所行一切可憎的事,倒顯為義。
52 Gye wʼanimguase, efisɛ woama wo nuabeanom adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sen wɔn de, enti ayɛ sɛ wɔteɛ sen wo. Ɛno de, afei gye wʼanimguase na wama ayɛ sɛ wo nuabeanom te.
你既斷定你姊妹為義,就要擔當自己的羞辱;因你所犯的罪比她們更為可憎,她們就比你更顯為義;你既使你的姊妹顯為義,你就要抱愧擔當自己的羞辱。」
53 “‘Nanso mede Sodom siade ne ne mmabea, Samaria siade ne ne mmabea bɛma wɔn, na mede wo siade bɛka ho,
「我必叫她們被擄的歸回,就是叫所多瑪和她的眾女,撒馬利亞和她的眾女,並你們中間被擄的,都要歸回,
54 sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye wʼanimguase na wʼani bewu wɔ nea woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho.
好使你擔當自己的羞辱,並因你一切所行的使她們得安慰,你就抱愧。
55 Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu.
你的妹妹所多瑪和她的眾女必歸回原位;撒馬利亞和她的眾女,你和你的眾女,也必歸回原位。
56 Woremmɔ wo nuabea Sodom din wɔ wʼahohoahoa da no mpo,
在你驕傲的日子,你的惡行沒有顯露以先,你的口就不提你的妹妹所多瑪。那受了凌辱的亞蘭眾女和亞蘭四圍非利士的眾女都恨惡你,藐視你。
57 kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa.
58 Nea ebefi nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwade mu aba no bɛda wo so, Awurade asɛm ni.
耶和華說:你貪淫和可憎的事,你已經擔當了。」
59 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo bedi no sɛnea ɛfata, efisɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa.
「主耶和華如此說:你這輕看誓言、背棄盟約的,我必照你所行的待你。
60 Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabun bere mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
然而我要追念在你幼年時與你所立的約,也要與你立定永約。
61 Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu bere a wo nsa aka wo nuabeanom; wɔn a wɔanyinyin sen wo ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmabea, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so.
你接待你姊姊和你妹妹的時候,你要追念你所行的,自覺慚愧;並且我要將她們賜你為女兒,卻不是按着前約。
62 Enti me ne wo bɛyɛ apam na wubehu sɛ mene Awurade.
我要堅定與你所立的約(你就知道我是耶和華),
63 Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ nea woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bewu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase no nti, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
好使你在我赦免你一切所行的時候,心裏追念,自覺抱愧,又因你的羞辱就不再開口。這是主耶和華說的。」

< Hesekiel 16 >