< 2 Mose 38 >

1 Ɔhyew afɔremuka no nso, ɔkanto na wɔde yɛe. Woyii no ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. 2 Na ne ntwea so anan no nyinaa mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako a wɔde kɔbere adura ho. 3 Wɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma te sɛ nkuku, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nkankyee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. 4 Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini. 5 Wɔde nkaa anan anan sensɛn twaa ne fa biara ma wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. 6 Ɔkanto nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa no. 7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkaa no a ɛbobɔ afɔremuka no nkyɛn no mu. Ntaaboo na wɔde yɛe. Na emu da kwan nso. 8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no. 9 Afei, wɔyɛɛ adiwo. Na ɔfasu a ɛwɔ nʼanafo no ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛe. 10 Nnua aduonu na wɔde besuso nnurahotam no mu. Ne nnyinaso yɛ kɔbere a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. 11 Na atifi ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinaso a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. 12 Atɔe fam fasu no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nnurahotam faa ɔfasu no ho. Nnua du, ne nnyinaso ne dwetɛ nkɔtɔkoro ne ntwea na na ɛma saa ɔfasu no gyina. 13 Na apuei fam no nso trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. 14 Na adiwo hɔ kwan no wɔ apuei fam a wɔde nkataanim abien akata hɔ. Na nkataanim a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa, na nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so na ekura mu, 15 na nkataanim a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so kura mu. 16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwenee nnurahotam a wɔde twaa adiwo hɔ no ho. 17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasode, nanso ɛho nkɔtɔkoro ne mfɛnsere no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu, na mfɛnsere a wɔde besuso nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ ankasa. 18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no. 19 Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. 20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiae Ntamadan no ne adiwo hɔ no nyinaa yɛ kɔbere. 21 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so sii Ahyiae Ntamadan a wɔde Apam Adaka no besi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo no betumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɔkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfae. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadi no so. 22 Odwumfo dansifo a na ɔwɔ ho nso ne Uri ba Besaleel a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu no nena. 23 Ne boafo ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfo a otumi twa nkyerɛw gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwenfo a otumi de asaawatam tuntum, bibiri ne koogyan di adwinni gu ntama mu. 24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem bae. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. 25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de bae yɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan. 26 Saa dwetɛ yi fi tow a wotwa maa mmarima a wɔadi mfe aduonu rekɔ a wɔkan wɔn no. Wogye fii mmarima mpem ahansia ne abiɛsa, ahannum ne aduonum hɔ. 27 Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan. 28 Dwetɛ kilogram aduonu no a ɛkae no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampamu, de bi yɛɛ mfɛnsere no ne nkɔtɔkoro no. 29 Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan. 30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinaso wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka, kɔbere mfrafrae ntwitae, 31 afɔremuka no so nneɛma, adum no nnyinasode a ekura nnurahotam a etwa adiwo no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiae Ntamadan no de yɛɛ adiwo hɔ adwuma nyinaa.

< 2 Mose 38 >