< 2 Mose 3 >

1 Na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian sɔfo nguan. Ɔde nguan no wuraa sare no mu kɔɔ akyirikyiri koduu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so.
Now Moses was keeping the flock of Jethro, his father-in-law, the priest of Midian, and he led the flock to the back of the wilderness, and came to God’s mountain, to Horeb.
2 Prɛko pɛ, na Awurade bɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Mose huu sɛ wura no redɛw nanso na ɛnhyew.
Yahweh’s angel appeared to him in a flame of fire out of the middle of a bush. He looked, and behold, the bush burned with fire, and the bush was not consumed.
3 Enti Mose kae se, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi ahu nea nti a wura no nhyew.”
Moses said, “I will go now, and see this great sight, why the bush is not burned.”
4 Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!” Mose gyee so se, “Me ni.”
When Yahweh saw that he came over to see, God called to him out of the middle of the bush, and said, “Moses! Moses!” He said, “Here I am.”
5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mmɛn me. Yi wo mpaboa na faako a wugyina no yɛ asase kronkron.”
He said, “Don’t come close. Take off your sandals, for the place you are standing on is holy ground.”
6 Ɔtoaa so se, “Mene wʼagyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.” Mose kataa nʼanim, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.
Moreover he said, “I am the God of your father, the God of Abraham, the God of Isaac, and the God of Jacob.” Moses hid his face because he was afraid to look at God.
7 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mahu amanehunu a me manfo a wɔwɔ Misraim no wɔ mu no, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na minim wɔn ahohia.
Yahweh said, “I have surely seen the affliction of my people who are in Egypt, and have heard their cry because of their taskmasters, for I know their sorrows.
8 Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so.
I have come down to deliver them out of the hand of the Egyptians, and to bring them up out of that land to a good and large land, to a land flowing with milk and honey; to the place of the Canaanite, the Hittite, the Amorite, the Perizzite, the Hivite, and the Jebusite.
9 Mate Israelfo no su na mahu nya a Misraimfo di wɔn no.
Now, behold, the cry of the children of Israel has come to me. Moreover I have seen the oppression with which the Egyptians oppress them.
10 Enti afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, na woakoyi me man Israel afi Misraim.”
Come now therefore, and I will send you to Pharaoh, that you may bring my people, the children of Israel, out of Egypt.”
11 Mose kae se, “Mene hena a ɛsɛ sɛ mekɔ Farao anim akoyi Israelfo afi Misraim asase so?”
Moses said to God, “Who am I, that I should go to Pharaoh, and that I should bring the children of Israel out of Egypt?”
12 Onyankopɔn buaa no se, “Mɛka wo ho. Adansede a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no ni. Sɛ wuyi nnipa no fi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so.”
He said, “Certainly I will be with you. This will be the token to you, that I have sent you: when you have brought the people out of Egypt, you shall serve God on this mountain.”
13 Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”
Moses said to God, “Behold, when I come to the children of Israel, and tell them, ‘The God of your fathers has sent me to you,’ and they ask me, ‘What is his name?’ what should I tell them?”
14 Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Mene Nea Mene na wasoma me mo nkyɛn.’”
God said to Moses, “I AM WHO I AM,” and he said, “You shall tell the children of Israel this: ‘I AM has sent me to you.’”
15 Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Awurade a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.’” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.
God said moreover to Moses, “You shall tell the children of Israel this, ‘Yahweh, the God of your fathers, the God of Abraham, the God of Isaac, and the God of Jacob, has sent me to you.’ This is my name forever, and this is my memorial to all generations.
16 “Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim.
Go and gather the elders of Israel together, and tell them, ‘Yahweh, the God of your fathers, the God of Abraham, of Isaac, and of Jacob, has appeared to me, saying, “I have surely visited you, and seen that which is done to you in Egypt.
17 Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.’
I have said, I will bring you up out of the affliction of Egypt to the land of the Canaanite, the Hittite, the Amorite, the Perizzite, the Hivite, and the Jebusite, to a land flowing with milk and honey.”’
18 “Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’
They will listen to your voice. You shall come, you and the elders of Israel, to the king of Egypt, and you shall tell him, ‘Yahweh, the God of the Hebrews, has met with us. Now please let us go three days’ journey into the wilderness, that we may sacrifice to Yahweh, our God.’
19 Nanso minim sɛ Misraimhene remma mo kwan da, gye sɛ nsa bi a ɛyɛ duru hyɛ no ketee.
I know that the king of Egypt won’t give you permission to go, no, not by a mighty hand.
20 Enti mɛteɛ me nsa na mede anwonwade ahorow a mɛyɛ wɔ wɔn mu no nyinaa atia wɔn. Ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ.
I will reach out my hand and strike Egypt with all my wonders which I will do among them, and after that he will let you go.
21 “Mɛma mo anim aba nyam wɔ Misraimfo no anim na wɔahyehyɛ akyɛde ama mo, na moankɔ no nsapan.
I will give this people favor in the sight of the Egyptians, and it will happen that when you go, you shall not go empty-handed.
22 Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.”
But every woman shall ask of her neighbor, and of her who visits her house, jewels of silver, jewels of gold, and clothing. You shall put them on your sons, and on your daughters. You shall plunder the Egyptians.”

< 2 Mose 3 >