< 2 Mose 27 >

1 “Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ma enyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa.
"You shall make the altar of acacia wood, eight feet seven inches long, and eight feet seven inches broad; the altar shall be foursquare: and its height shall be five feet two inches.
2 Yɛ mmɛn anan tuatua afɔremuka no ntwea anan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Ɔkanto a wode bɛyɛ afɔremuka no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no.
You shall make its horns on its four corners; its horns shall be of one piece with it; and you shall overlay it with bronze.
3 Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa yɛ.
You shall make its pots to take away its ashes, its shovels, its basins, its flesh hooks, and its fire pans: all its vessels you shall make of bronze.
4 Fa kɔbere yɛ ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so.
You shall make a grating for it of network of bronze: and on the net you shall make four bronze rings in its four corners.
5 Fa ntwitae no hyɛ nsramma kuruwa no mu na fa si afɔremuka no basa a wɔayɛ no so.
You shall put it under the ledge around the altar beneath, that the net may reach halfway up the altar.
6 Fa ɔkanto sen nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔremuka no.
You shall make poles for the altar, poles of acacia wood, and overlay them with bronze.
7 Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkaa a mode atuatua afɔremuka no ho no mu.
Its poles shall be put into the rings, and the poles shall be on the two sides of the altar, when carrying it.
8 Ntaaboo na momfa nyɛ afɔremuka no. Momma emu nna kwan sɛnea mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so no.
You shall make it with hollow planks. They shall make it as it has been shown you on the mountain.
9 “Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum
"You shall make the court of the tabernacle: for the south side southward there shall be hangings for the court of fine twined linen one hundred seventy-two feet three inches long for one side:
10 a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu.
and its pillars shall be thirty-four feet five inches, and their sockets twenty, of bronze; the hooks of the pillars and their fillets shall be of silver.
11 Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no.
Likewise for the north side in length there shall be hangings one hundred seventy-two feet three inches, and its pillars thirty-four feet five inches, and their sockets thirty-four feet five inches, of bronze; the hooks of the pillars, and their fillets, of silver.
12 “Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu.
For the breadth of the court on the west side shall be hangings of eighty-six feet one inch; their pillars seventeen feet three inches, and their sockets seventeen feet three inches.
13 Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara.
The breadth of the court on the east side eastward shall be eighty-six feet one inch.
14 Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano.
The hangings for the one side of the gate shall be twenty-five feet ten inches; their pillars five feet two inches, and their sockets five feet two inches.
15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu.
For the other side shall be hangings of twenty-five feet ten inches; their pillars five feet two inches, and their sockets five feet two inches.
16 “Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu.
For the gate of the court shall be a screen of thirty-four feet five inches, of blue, and purple, and scarlet, and fine twined linen, the work of the embroiderer; their pillars six feet eleven inches, and their sockets six feet eleven inches.
17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adiwo hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu.
All the pillars of the court around shall be filleted with silver; their hooks of silver, and their sockets of bronze.
18 Enti adiwo hɔ tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adiwo hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu.
The length of the court shall be one hundred seventy-two feet three inches, and the breadth eighty-six feet one inch every where, and the height eight feet seven inches, of fine twined linen, and their sockets of bronze.
19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so wɔ ɔfasu ho no wɔ hɔ.
All the instruments of the tabernacle in all its service, and all its pins, and all the pins of the court, shall be of bronze.
20 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo.
"You shall command the children of Israel, that they bring to you pure olive oil beaten for the light, to cause a lamp to burn continually.
21 Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfo di so daa.
In the Tent of Meeting, outside the veil which is before the testimony, Aaron and his sons shall keep it in order from evening to morning before the LORD: it shall be a statute forever throughout their generations on the behalf of the children of Israel.

< 2 Mose 27 >